Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 6:16 - Twerɛ Kronkron

16 ne nyinaa akyiri no, monkura gyidie kyɛm a mode bɛtumi adum ɔbɔnefoɔ no bɛmma a ɛredɛre no nyinaa,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Eyinom nyinaa akyi no, momfa gyidi kyɛm, nea mode bedum ɔbɔnefo bɛma a ɛredɛw no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 ne nyinaa akyiri no, monkura gyidie kyɛm a mode bɛtumi adum ɔbɔnefoɔ no bɛmma a ɛredɛre no nyinaa,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Yeinom nyinaa akyi no, momfa gyidie kyɛm, deɛ mode bɛdum ɔbɔnefoɔ bɛma a ɛrederɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 ne nyinaa akyi no, munkura gyidi kyɛm a mode betumi adum ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw no nyinaa,

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 6:16
16 Referencias Cruzadas  

Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii.


Na wode wo nkwagye kyɛm maa me, na wo mmoa ma meyɛɛ kɛseɛ.


Ɔbrane agyan hwerɛmhwerɛm ne ogya nsramma kɔɔ na ɛbɛyɛ wo kyɛfa.


Na wasiesie owuo adeɛ ama onii korɔ no, wayɛ n’agyan ma no hye adeɛ.


Aban denden ne AWURADE din, ɛno mu na ɔteneneeni dwane korɔ, na wɔkora no.


Na momma mo aane nyɛ aane, na dabi nyɛ dabi! Na deɛ ɛboro yei soɔ no firi bɔne mu.


Ɛnyɛ sɛ yɛhyɛ mo so wɔ mo gyidie ho, na mmom yɛyɛ mo anigyeɛ ho yɔnko adwumayɛfoɔ; ɛfiri sɛ gyidie na mode gyina hɔ.


na yɛn a yɛyɛ adekyeeɛ dea yi, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidie ne ɔdɔ nkataboɔ ne nkwagyeɛ anidasoɔ sɛ dadeɛ kyɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios