Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 5:29 - Twerɛ Kronkron

29 Na obiara ntane ɔno ara ne honam, na mmom ɔyɛne no, na ɔhwɛ so yie, sɛdeɛ Kristo nso yɛ asafo no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 Obiara ntan ne ho. Mmom ɔma no aduan hwɛ no yiye sɛnea Kristo yɛ asafo no,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

29 Na obiara ntane ɔno ara ne honam, na mmom ɔyɛ no yie, na ɔsom no bo, sɛdeɛ Kristo nso yɛ asafo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 Obiara ntane ne ho. Mmom, ɔma no aduane hwɛ no yie sɛdeɛ Kristo yɛ asafo no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

29 Na obiara ntan n’ankasa honam, na mmom ɔyɛn no, na ɔhwɛ so yiye, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 5:29
13 Referencias Cruzadas  

Na onipa no kaa sɛ: Ampa ara, me nnompe mu dompe, ne me honam mu nam ankasa nie. Oyi na wɔbɛfrɛ no Ɔbaa, ɛfiri sɛ Ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ.


Ɔyamyiefoɔ yɛ ne kra yie, na otirimuɔdenfoɔ ha ɔno ara ne honam.


Ɔkwasea pompono ne nsa tena hɔ, na ɔdi ɔno ara ne honam.


Ɔbɛyɛne ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ, ɔbɛturu nnwammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nnwan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛɛ.


Na petee mu nnua bɛso n’aba, na asase ama ne nnɔbaeɛ, na wɔn ho adwo wɔn, wɔn asase so, na wɔahunu sɛ mene AWURADE, sɛ mabubu wɔn kɔnnua na mayi wɔn afiri wɔn a wɔdi wɔn nya nsam.


Ao! Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ! Mprɛ ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ!


Monhwɛ wiem nnomaa sɛ wɔngu na wɔntwa na wɔmmoaboa ano ngu asan soɔ, nanso mo soro Agya yɛne wɔn; na monsom boɔ nsene wɔn anaa?


wɔnni ti, apamsɛefoɔ, wɔnni tema, wɔnni mmɔborɔhunu.


Saa ara nso na ɛsɛ okununom, sɛ wɔdɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ara nipadua. Deɛ ɔdɔ ɔno ara ne yere no, dɔ ne ho.


Ɛfiri sɛ yɛyɛ ne nipadua ho akwaa.


Yei nti na ɔbarima bɛgya n’agya ne ne na, na wakɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ honam korɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios