Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 5:24 - Twerɛ Kronkron

24 Na sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɛyerenom nyɛ mma wɔn kununom, ade nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase wɔ biribiara mu ma wɔn kununom.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

24 Na sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɛyerenom nyɛ mma wɔn kununom, ade nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase wɔ biribiara mu ma wɔn kununom.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 Na sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɔyerenom nyɛ mma wɔn kununom, ade nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 5:24
10 Referencias Cruzadas  

Deɛ maka no nyinaa, monni so. Na anyame foforɔ din nso, mommmɔ, mommma wɔnnte wɔ mo anomu.


Na sei na yɛ Aaron ne ne mma no, sɛdeɛ mahyɛ woɔ yi nyinaa. Nnanson na fa hyɛ wɔn asɔfoɔ.


Na aduɔson no de anigyeɛ sane ba bɛkaa sɛ: Awurade, wo din mu ahonhommɔne mpo abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.


ɛfiri sɛ okunu yɛ ɛyerɛ ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no tiri no, na ɔno ara na ɔyɛ Agyenkwa ma nipadua no.


Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛdeɛ Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho maeɛ maa no,


Nanso mo mmaako mmaako nso, momma obiara nnɔ ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɛyerɛ nso mmu ne kunu.


Mma, montie mo awofoɔ asɛm nnoɔma nyinaa mu, na yei na ɛsɔ Awurade ani.


Nkoa, montie mo honam fam wuranom asɛm nnoɔma nyinaa mu, ɛnyɛ anisoɔ som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom akoma kronn mu, sɛ wɔn a wɔsuro Awurade.


Na biribiara mu no, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛsoɔ, nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animuduro,


Nkoa nso, wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ara wɔn wuranom, wɔnsɔ wɔn ani adeɛ nyinaa mu, wɔnntuatua nsɛm ano,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios