Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 7:15 - Twerɛ Kronkron

15 Na ɛbaa sɛ Gideon tee daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ no, ɔkoto sɔree, na ɔsane baa Israel nsraban mu, na ɔkaa sɛ: Monsɔre, ɛfiri sɛ AWURADE de Midian nsraban no ahyɛ mo nsa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Bere a Gideon tee dae no ne ne nkyerɛase no, ɔkotow sɔree Onyankopɔn. Ɔsan baa Israel atenae mu teɛɛ mu se, “Monsɔre! Awurade de Midianfo ahyɛ mo nsa.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Na ɛbaa sɛ Gideon tee daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ no, ɔkoto sɔree, na ɔsane baa Israel nsraban mu, na ɔkaa sɛ: Monsɔre, ɛfiri sɛ AWURADE de Midian nsraban no ahyɛ mo nsa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɛberɛ a Gideon tee daeɛ no ne nʼasekyerɛ no, ɔkoto sɔree Onyankopɔn. Ɔsane baa Israel atenaeɛ mu teaam sɛ, “Monsɔre! Awurade de Midianfoɔ ahyɛ mo nsa.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na Gideon tee dae no ne ne nkyerɛase no, ɔkotow sɔree, na ɔsan baa Israel nsra mu, na ɔkae sɛ: Monsɔre, efisɛ AWURADE de Midian nsra no ahyɛ mo nsa.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 7:15
15 Referencias Cruzadas  

na mebɔɔ me mu ase mesɔree AWURADE, na mehyiraa AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a ɔkyerɛɛ me nokorɛ kwan sɛ menkɔware me wura nua ba memma ne ba no.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛasoso daeɛ, nso obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ aseɛ. Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nkyerɛaseɛ mfiri Onyankopɔn hɔ anaa? Monka nkyerɛ me ɛ!


yɛsosoo daeɛ anadwo korɔ no ara, me ne no na ɛsonsono yɛn daeɛ a yɛsosoeɛ ne ebiara nkyerɛaseɛ.


na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montu mmirika nni m’akyi, ɛfiri sɛ AWURADE de mo atamfoɔ Moabfoɔ no ahyɛ mo nsa. Na wɔsiane dii n’akyi, na wɔkɔfaa Yordan atwareeɛ a wɔde kɔ Moab no, na wɔamma obiara antwa.


Ɛnna Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: Sɔre, na ɛnnɛ ne da a AWURADE de Sisera ahyɛ wo nsa. Ɛnyɛ AWURADE na atu di wɔn anim yi? Ɛnna Barak siane firii Tabor bepɔ soɔ, na nnipa mpem du no dii n’akyi.


na kɔtie asɛm a wɔbɛka, na ɛno akyiri no, wo nsa bɛyɛ den na woasiane akɔ nsraban no mu. Na ɔne n’akoa Pura siane kɔɔ nsraban no mu twafoɔ no ano nohoa.


Na ne yɔnko no buaa no sɛ: Yei nyɛ biribiara sɛ Israelni Yoas ba Gideon nkrantɛ; ne nsam na Onyankopɔn de Midian ne nsraban no nyinaa ahyɛ.


Na ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuo mmiɛnsa, na ɔde ntotorobɛnto hyehyɛɛ wɔn nyinaa nsa ne nkuruwa hunu ne tɛnee a ɛhyehyɛ nkuruwa no mu.


Na Gideon kaa sɛ: Yei nti sɛ AWURADE nya de Seba ne Salmuna hyɛ me nsa a, ɛnneɛ mede ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ bɛsunsuane mo honam.


Enti me deɛ, mede no mafɛm AWURADE; ne nna a ɔbɛtena aseɛ nyinaa mede no mama AWURADE. Na ɔsɔree AWURADE wɔ hɔ.


Na nsraban no mufoɔ buaa Yonatan ne n’akodeɛkurani no sɛ: Momforo mmra yɛn nkyɛn na yɛnkyerɛ mo biribi. Na Yonatan ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani no sɛ: Foro di m’akyi, na AWURADE de wɔn ahyɛ Israel nsa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios