Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 7:14 - Twerɛ Kronkron

14 Na ne yɔnko no buaa no sɛ: Yei nyɛ biribiara sɛ Israelni Yoas ba Gideon nkrantɛ; ne nsam na Onyankopɔn de Midian ne nsraban no nyinaa ahyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Nʼadamfo no kae se, “Wo dae no kyerɛ ade baako pɛ. Onyankopɔn de Midian ne ne dɔm nyinaa so nkonimdi ahyɛ Yoas babarima Gideon, Israelni no nsa.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Na ne yɔnko no buaa no sɛ: Yei nyɛ biribiara sɛ Israelni Yoas ba Gideon nkrantɛ; ne nsam na Onyankopɔn de Midian ne nsraban no nyinaa ahyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Nʼadamfo no kaa sɛ, “Wo daeɛ no kyerɛ adeɛ baako pɛ. Onyankopɔn de Midian ne ne mpamfoɔ nyinaa so nkonimdie ahyɛ Yoas babarima Gideon, Israelni no nsa.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na ne yɔnko no buaa no sɛ: Eyi nyɛ biribiara sɛ Israelni Yoas ba Gideon nkrante; ne nsam na Onyankopɔn de Midian ne nsra no nyinaa ahyɛ.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 7:14
14 Referencias Cruzadas  

kɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ: Menim sɛ AWURADE de asase yi ama mo, na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefoɔ nyinaa akoma tu mo anim.


Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fie ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase akyene asase so.


Na Amorifoɔ ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔeɛ fam no nyinaa ne Kanaan ahemfo a wɔwɔ ɛpo ano no nyinaa tee sɛ AWURADE awe Yordan nsuo Israelfoɔ no anim akɔsi sɛ wɔtwaeɛ no, wɔn akoma tui a na ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfoɔ no anim.


na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ampa ara, AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, na afei nso asase no sofoɔ nyinaa akoma atu wɔ yɛn anim.


Hwɛ, nhyira na manya; wahyira, na merentumi mennane ani.


Na AWURADE de asɛm hyɛɛ Bileam anomu sɛ: Sane kɔ Balak nkyɛn, na sei na kasa.


Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Hwɛ, afei maba wo nkyɛn. Mɛtumi maka asɛm bi anaa? Asɛm a Onyankopɔn de hyɛ m’anomu no, ɛno na mɛka.


Na Gideon duruiɛ no, na hwɛ, obi reyi daeɛ bi akyerɛ ne yɔnko sɛ: Hwɛ, maso daeɛ bi, na hwɛ, atokoɔ taterɛ bi remuni aba Midian nsraban mu, na ɛduruu ntomadan no ho, na ɛpem no hwee hɔ, na ɛbutuu no koraa maa ntomadan no guu hɔ.


Na ɛbaa sɛ Gideon tee daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ no, ɔkoto sɔree, na ɔsane baa Israel nsraban mu, na ɔkaa sɛ: Monsɔre, ɛfiri sɛ AWURADE de Midian nsraban no ahyɛ mo nsa.


na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montu mmirika nni m’akyi, ɛfiri sɛ AWURADE de mo atamfoɔ Moabfoɔ no ahyɛ mo nsa. Na wɔsiane dii n’akyi, na wɔkɔfaa Yordan atwareeɛ a wɔde kɔ Moab no, na wɔamma obiara antwa.


Na nsraban no mufoɔ buaa Yonatan ne n’akodeɛkurani no sɛ: Momforo mmra yɛn nkyɛn na yɛnkyerɛ mo biribi. Na Yonatan ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani no sɛ: Foro di m’akyi, na AWURADE de wɔn ahyɛ Israel nsa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios