Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 5:8 - Twerɛ Kronkron

8 Wɔyiyii anyame foforɔ, ɛno na akodie baa kuro apono akyire. Wɔhunuu kyɛm ne pea Israel mu nnipa mpem aduanan mu?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Bere a Israel som anyame foforo no, ɔko sɔree kuropɔn no apon ano. Nanso wɔanhu nkatabo anaa peaw wɔ akofo mpem aduanan a wɔwɔ Israel mu!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Wɔyiyii anyame foforɔ, ɛno na akodie baa kuro apono akyire. Wɔhunuu kyɛm ne pea Israel mu nnipa mpem aduanan mu?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛberɛ a Israel somm anyame foforɔ no, ɔko sɔree kuropɔn no apono ano. Nanso wɔanhunu kyɛm anaa pea wɔ akofoɔ ɔpeduanan a wɔwɔ Israel mu!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Wɔpopaw anyame foforo, ɛno na dɔm baa kurow apon akyi. So wohuu kyɛm ne peaw Israel mu nnipa ɔpeduanan mu?

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 5:8
8 Referencias Cruzadas  

Ɛsiane sɛ wɔagya me, na wɔadi ananafoɔ asɛm wɔ ɛha yi, na wɔahye aduhwam wɔ ha ama anyame foforɔ a wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahemfo nhunuu wɔn pɛn, na wɔde bemdifoɔ mogya ahyɛ ɛha yi ma.


Na wɔgyaa AWURADE hɔ, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim asase soɔ no, na wɔkɔdii anyame foforɔ a wɔfiri aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no mu no anyame akyi, na wɔsɔree wɔn, na wɔyii AWURADE abufuo.


Na wɔn atemmufoɔ no nso, wɔantie wɔn, na wɔdii anyame foforɔ akyi adwamammɔ mu, na wɔsɔree wɔn; ntɛm ara na wɔfirii kwan a wɔn agyanom nantee so tiee AWURADE mmara nsɛm no soɔ; na wɔn deɛ, wɔanni so.


Na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE, ɛfiri sɛ na ɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfoɔ so denden mfeɛ aduonu.


Deɛ anka apereperefoɔ team wɔ anomeeɛ no, ɛhɔ ara na wɔnkamfo AWURADE tenenee, ne nnisoɔ tenenee Israel mu. Ɛno na AWURADE man siane kɔɔ kuro no apono mu.


Asafohene saa Israel mu, wɔsae kɔsii sɛ me, Debora, mesɔreeɛ, mesɔree sɛ ɛna wɔ Israel mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios