Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 5:5 - Twerɛ Kronkron

5 Mmepɔ popoo AWURADE anim, Sinai, wɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade ba no maa mmepɔw wosowee. Sinai Bepɔw mpo wosowee wɔ Awurade, Israel Nyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Mmepɔ popoo AWURADE anim, Sinai, wɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade ba no maa mmepɔ wosoeɛ. Sinai Bepɔ mpo wosoeɛ wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Mmepɔw popoe AWURADE anim, Mekyerɛ Sinai, wɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, anim.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 5:5
14 Referencias Cruzadas  

Ɔno na ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ, ɔka mmepɔ na ɛfiri wisie.


Na nkokoɔ yɛɛ sɛ nnwammaa. Mmepɔ hurihurii sɛ adwennini,


asase wosoe, ɔsoro nso sosɔɔ nsuo Nyankopɔn anim, Sinai yi ara wosoe Onyankopɔn, aane, Israel Nyankopɔn, anim.


Onyankopɔn, wotɔɔ adɔeɛ suo guu w’agyapadeɛ so, na ɛtɔ piti a, wo na woma no yɛ yie.


Mmepɔ nane sɛ akraa AWURADE anim, asase nyinaa AWURADE anim.


Na wisie kataa Sinai bepɔ no so nyinaa, ɛfiri sɛ na AWURADE nam ogya mu asiane aba so, na ne wisie no tu kɔɔ soro sɛ fononoo mu wisie, na bepɔ no nyinaa wosoo biribiri.


Na ɔman no nyinaa hunuu aprannaa ne anyinam a ɛpapaeɛ ne totorobɛnto nne ne bepɔ a ɛfiri wisie no. Na ɔman no hunuiɛ no, wɔn ho popoe, na wɔkɔgyinaa akyirikyiri.


Yɛadanedane sɛ wɔn a wonnii wɔn so da; sɛ wɔn a wɔmfaa wo din ntoo wɔn da.


mmepɔ woso n’anim, na nkokoɔ hono; asase woso n’anim, aane wiase ne wɔn a ɛte mu nyinaa mpo.


Mmepɔ hu wo a wɔhinhim; nsuo a ɛtue reba; ebunu donkodonko ma ne nne so, ɛma ne nsa so kɔ soro;


Na moamma bepɔ a wɔde nsa ka no ho, ne ogya a ɛrehyeɛ ne mununkum kusuu ne esum ne mframa a ɛbɔ huu


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios