Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 4:19 - Twerɛ Kronkron

19 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me nsuo kakra mennom ɛ, na sukɔm de me. Na ɔsanee nufosuo adeɛ ano maa no nomee, na ɔkataa ne so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Sisera ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, osukɔm de me nti ma me nsu.” Enti ɔmaa no nufusu sɛ ɔnnom, na ɔsan kataa ne so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me nsuo kakra mennom ɛ, na sukɔm de me. Na ɔsanee nufosuo adeɛ ano maa no nomee, na ɔkataa ne so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, sukɔm de me enti ma me nsuo.” Enti ɔmaa no nufosuo sɛ ɔnnom, na ɔsane kataa ne so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me nsu kakra mennom ɛ, na osukɔm de me. Na ɔsan nufusu ade ano ma ɔnomee, na ɔkataa no so.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 4:19
8 Referencias Cruzadas  

hwɛ, megyina asubura yi ho, na ma no mmra sɛ ababaa a ɔbɛfiri abɛsa nsuo no, na mɛse no sɛ: Mesrɛ wo, ma me w’ahina yi mu nsuo kakra mennom,


Na ɔsɔre kɔɔ Sarefat. Na ɔduruu kuro no pono ano no, na hwɛ, ɔbaa kunafoɔ no wɔ hɔ repɛ mmaboa. Na ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔsa nsuo kakra gu kuruwa mu brɛ me na mennom.


Mmɔborɔfoɔ ne ahiafoɔ a wɔhwehwɛ nsuo a ebi nni hɔ na sukɔm nti wɔn tɛkyerɛma so awoɔ no, me, AWURADE mɛgye wɔn so, me, Israel Nyankopɔn, merennya wɔn.


Na ɔbaa bi a ɔfiri Samaria baa hɔ bɛtoo nsuo. Yesu see no sɛ: Ma me bi mennom!


Na Yael firii adi kɔhyiaa Sisera, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mane, me wura! Mane bra me nkyɛn, nsuro! Na ɔmane baa ne nkyɛn ntomadan no mu, na ɔde kuntu kataa ne so.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Gyina ntomadan no pono ano, na sɛ obi ba na ɔbisa wo sɛ obi wɔ hɔ anaa a, woaka akyerɛ no sɛ: Dabi.


Wɔnhyira Yael, mmaa mu, Kenini Heber yere no, wɔnhyira no ntomadan mu, mmaa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios