Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 3:21 - Twerɛ Kronkron

21 Ɛnna Ehud tenee ne nsa benkum sɔɔ sɛpɔ a ɛwɔ ne dwonku nifa soɔ no mu de wɔɔ n’afuru mu,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Ehud de ne nsa benkum twee afoa a ɔde ahyɛ ne srɛ nifa ho no de wɔɔ ɔhene no yafunu mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Ɛnna Ehud tenee ne nsa benkum sɔɔ sɛpɔ a ɛwɔ ne dwonku nifa soɔ no mu de wɔɔ n’afuru mu,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Ehud de ne nsa benkum twee sekan a ɔde ahyɛ ne srɛ nifa ho no de wɔɔ ɔhene no yafunu mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Ɛnna Ehud teɛɛ ne nsa benkum soo sekan a ɛwɔ ne dwonku nifa so no mu de wɔɔ n’afuru mu,

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 3:21
8 Referencias Cruzadas  

ɔtu firi ne honam mu na agyan no firi ne bɔnwoma mu a, ewuo ho hu bɛto ne so.


Na sɛ obi bɛda so ahyɛ nkɔm a, n’agya ne ne na a wɔwoo no no bɛka akyerɛ no sɛ: Worennya nkwa, ɛfiri sɛ woaka AWURADE din mu atorosɛm. Na ne nkɔmhyɛ no nti na n’agya ne ne na a wɔwoo no no bɛhwire ne mu.


Enti ɛfiri nnɛ yi, yɛnnim obiara honam fa mu; na sɛ yɛhunuu Kristo honam fa mu mpo a, afei deɛ yɛnnim no saa bio.


Na Ehud yɛɛ sɛpɔ anofanu a ne tentene yɛ anammɔn baako ne fa, na ɔde bɔɔ n’akotadeɛ ase, ne dwonku nifa so.


Na Ehud baa ne nkyɛn, nso ɔno nko ara na na ɔte n’abansoro mframadan no mu. Na Ehud kaa sɛ: Mewɔ Nyankopɔn asɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔsɔre firii n’adwa so.


na sɛpɔ dua no nso dii dadeɛ no akyi hyɛnee mu, na sradeɛ sram dadeɛ no so. Na wantwe sɛpɔ no amfiri ne yafunu no mu, na ɛpue firii akyire.


Na Samuel se: Sɛ wo nkrantɛ maa mmaa dii mmasugya no, saa ara nso na wo na bɛdi basugya mmaa mu. Na Samuel twitwaa Agag AWURADE anim wɔ Gilgal.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios