Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 21:12 - Twerɛ Kronkron

12 Na wɔhunuu Yabes-gileadfoɔ no mu mmabaa ahanan a wɔnnim mmarima nna, na wɔde wɔn baa nsraban no mu Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Yabes Gileadfo mu no, wohuu mmabun ahannan a wɔne mmarima nnaa da, na wɔde wɔn baa nsraban a ɛwɔ Silo wɔ Kanaan asase so hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔhunuu Yabes-gileadfoɔ no mu mmabaa ahanan a wɔnnim mmarima nna, na wɔde wɔn baa nsraban no mu Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Yabes Gileadfoɔ mu no, wɔhunuu mmaabunu ahanan a wɔne mmarima nnaa da, na wɔde wɔn baa nsraban a ɛwɔ Silo wɔ Kanaan asase so hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na wohuu Yabes-gileadfo no mu mmabaa ahanan a wonnim mmarima nna, na wɔde wɔn baa nsra no mu Silo a ɛwɔ Kanaan asase so.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 21:12
8 Referencias Cruzadas  

Na ɔgyaa Silo tenabea no, ntomadan a ɔsii nnipa mu no.


Na monkɔ me tenabea a ɛwɔ Silo a meyii no akane sɛ me din ntena hɔ no, na monkɔhwɛ deɛ me man Israel bɔne no nti mayɛ no.


Na Israelfoɔ asafo no nyinaa bɛhyiaa Silo, na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.


Na Israelfoɔ sɔree, na wɔsii mu kɔɔ Betel kɔbisaa Onyankopɔn; na wɔse: Yɛn mu hwan na ɔnkɔ kane ne Benyaminfoɔ no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kane.


Na Israelfoɔ no kɔ kɔsuu AWURADE anim kɔsii anwummerɛ, na wɔbisaa AWURADE kaa sɛ: Mentwe mpini bio na me ne me nua Benyamin mma nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ ne so.


Na yei ne adeɛ a monyɛ, mmarima nyinaa ne mmaa a wɔnim mmarima nna nyinaa, monsɛe wɔn pasapasa.


Ɛnna asafo no nyinaa soma maa wɔne Benyaminfoɔ a wɔwɔ Rimon botan mu no kɔkasaeɛ, na wɔkaa wɔn asomdwoeɛsɛm.


Na wɔkaa sɛ: Israel mmusuakuo mu hwan ara mpo na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfiri Yabes-gilead amma badwa no mu, nsraban no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios