Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 20:5 - Twerɛ Kronkron

5 Na Gibeafoɔ no sɔre tiaa me, na me nti wɔtwaa efie no ho hyiaa anadwo, anka me na wɔrepɛ me aku me, na me mpena no, wɔbrɛɛ no ase ara ma no wui.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Anadwo no Gibea ntuanofo no mu bi betwaa ofi no ho hyiae, pɛɛ sɛ wokum me, na wɔtoo me mpena no mmonnaa ma owui.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Gibeafoɔ no sɔre tiaa me, na me nti wɔtwaa efie no ho hyiaa anadwo, anka me na wɔrepɛ me aku me, na me mpena no, wɔbrɛɛ no ase ara ma no wui.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Anadwo no Gilead ntuanofoɔ no mu bi bɛtwaa fie no ho hyiaeɛ, pɛɛ sɛ wɔkum me, na wɔtoo me mpena no monnaa ma ɔwuiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na Gibeafo no sɔre hyɛɛ me, na me nti wotwaa ofi no ho hyiae anadwo, anka me na wɔrepɛ me akum me, na wɔbrɛɛ me mpena no ase ara ma owui.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 20:5
10 Referencias Cruzadas  

Mommfa nnoɔma yi biara nngu mo ho fi, ɛfiri sɛ yeinom nyinaa na amanaman a merebɛtu wɔn afiri mo anim yi de agu wɔn ho fi,


ɛnneɛ wɔnyi ababaa no mmra n’agya fie aboboano, na ne kurom mmarima nsi no aboɔ mma no nwu, ɛfiri sɛ wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu sɛ wabɔ adwaman n’agya fie; na yi bɔne no firi wo mu.


ɛnneɛ momfa wɔn baanu no mfiri adi nkɔ kuro no pono n’akyi, na monsi wɔn aboɔ mma wɔnwuwu, ababaa no, ɛsiane sɛ ɔwɔ kuro mu na wanteam, ne ɔbarima no, sɛ wabrɛ ne yɔnko yere aseɛ nti; na yi bɔne no firi wo mu.


Na deɛ wɔbɛkye no ahyiradeɛ no ho no, wɔmfa ogya nhye no ne deɛ ɔwɔ nyinaa, sɛ wato AWURADE ntam, na wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu.


Wɔn deɛ, wɔrema wɔn bo atɔ wɔn yam no, hwɛ, kurom hɔfoɔ mma busufoɔ bi bɛtwaa efie no ho hyiae, na wɔpempem ɛpono no, na wɔka kyerɛɛ efiewura akɔkoraa no sɛ: Fa ɔbarima a ɔbɛsoɛɛ wo fie no firi adi bra na yɛne no nna.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre na yɛnkɔ. Na obiara annye so. Ɛnna ɔbarima no faa no too afunumu no soɔ, na ɔsɔre kɔɔ ne kurom.


Ɛnna ɔbarima Lewini a ɔyɛ ɔbaa a wɔdii no awuo no kunu no buaa sɛ: Meduruu Gibea a ɛyɛ Benyamin deɛ no mu, me ne me mpena no, na yɛbɛdaa hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios