Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 2:7 - Twerɛ Kronkron

7 Na ɔman no som AWURADE, Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanimfoɔ a wɔnyini kyɛree Yosua akyiri nyinaa na wɔhunuu AWURADE nnwuma akɛseɛ a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Na Israelfo no som Awurade wɔ Yosua ne mpanyimfo a wɔanyinyin sen Yosua a wohuu nneɛma akɛse a Awurade yɛ maa Israel, Yosua nkwa nna nyinaa mu no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔman no som AWURADE, Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanimfoɔ a wɔnyini kyɛree Yosua akyiri nyinaa na wɔhunuu AWURADE nnwuma akɛseɛ a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na Israelfoɔ no somm Awurade wɔ Yosua ne mpanimfoɔ a wɔanyini sene Yosua a wɔhunuu nneɛma akɛseɛ a Awurade yɛ maa Israel, Yosua nkwa nna nyinaa mu no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na ɔman no som AWURADE, Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanyimfo a wonyin kyɛe Yosua akyi nyinaa na wohuu AWURADE nnwuma akɛse a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 2:7
8 Referencias Cruzadas  

Na Yehoas yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, ɛfiri sɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada na ɔkyerɛkyerɛɛ no.


Na Yoas yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so Ɔsɔfoɔ Yehoiada berɛ no so nyinaa.


Enti, m’adɔfo, sɛdeɛ moyɛ setie daa no, ɛnyɛ sɛ berɛ a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a menni mo nkyɛn yi titire no, momfa suro ne ahopopoɔ nyɛ mo ara mo nkwagyeɛ ho adwuma nwie;


Na Israel som AWURADE, Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanimfoɔ a wɔnyini kyɛree Yosua akyiri nyinaa na wɔhunuu AWURADE nnwuma a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no.


Na wɔn atemmufoɔ no nso, wɔantie wɔn, na wɔdii anyame foforɔ akyi adwamammɔ mu, na wɔsɔree wɔn; ntɛm ara na wɔfirii kwan a wɔn agyanom nantee so tiee AWURADE mmara nsɛm no soɔ; na wɔn deɛ, wɔanni so.


Na Yosua gyaa ɔman no kwan maa Israelfoɔ nyinaa kɔɔ wɔn agyapadeɛ so kɔdii asase no so.


Na Nun ba Yosua, AWURADE akoa no wui, na wadi mfirinhyia ɔha ne du;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios