Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 19:2 - Twerɛ Kronkron

2 Na ne mpena no firii n’akyi kɔbɔɔ adwaman, na ɔfirii ne nkyɛn kɔɔ n’agya fie Betlehem Yuda na ɔkɔdii hɔ nna bi, abosome nnan.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nanso ɔbea no anni no nokware enti ɔsan kɔɔ nʼagya fi wɔ Betlehem. Asram anan akyi no,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ne mpena no firii n’akyi kɔbɔɔ adwaman, na ɔfirii ne nkyɛn kɔɔ n’agya fie Betlehem Yuda na ɔkɔdii hɔ nna bi, abosome nnan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nanso, ɔbaa no anni no nokorɛ enti ɔsane kɔɔ nʼagya fie wɔ Betlehem. Abosome ɛnan akyi,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ne ɔbea no fii n’akyi kɔbɔɔ aguaman, na ofii ne nkyɛn kɔɔ n’agya fi Betlehem Yuda na okodii hɔ nna bi, asram anan.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 19:2
6 Referencias Cruzadas  

Nso wo ne Asiria mma bɔɔ adwaman, ɛfiri sɛ na wommee. Na wo ne wɔn bɔɔ adwaman, nanso woammee.


Na sɛ ɔsɔfoɔ babaa firi aseɛ bɔ adwaman a, wahura n’agya ho, wɔmfa ogya nhye no.


ɛnneɛ wɔnyi ababaa no mmra n’agya fie aboboano, na ne kurom mmarima nsi no aboɔ mma no nwu, ɛfiri sɛ wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu sɛ wabɔ adwaman n’agya fie; na yi bɔne no firi wo mu.


Na aberanteɛ bi wɔ hɔ a ɔfiri Betlehem Yuda, Yuda abusua bi mu; na ɔyɛ Lewini, na ɔkɔyɛɛ hɔ hɔhoɔ.


Na nna no mu a ɔhene biara nni Israel no, na Lewini bi wɔ hɔ, na ɔkɔyɛɛ hɔhoɔ Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi na ɔkɔfaa mpena bi firii Betlehem Yuda.


Na ne kunu no sɔre tii no sɛ ɔrekɔka no abodwosɛm na ɔde no asane aba, na n’abɔfra ne mfunumu mmienu ka ne ho. Na ɔbaa no de no kɔɔ n’agya fie; na ababaa no agya hunuu no no, ɔde anigyeɛ hyiaa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios