Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 19:10 - Twerɛ Kronkron

10 Na ɔbarima no ampene sɛ ɔbɛda hɔ anadwo no; na ɔsɔre kɔe, na ɔkɔduruu Yebus (a ɛne Yerusalem) no ntentensoɔ; na mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn no ne ne mpena no ka no ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nanso afei de, ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔbɛkɔ. Enti ɔfaa ne mfurum abien a wɔahyehyɛ wɔn no ne ne mpena no, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Yebus (a ɛyɛ Yerusalem).

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na ɔbarima no ampene sɛ ɔbɛda hɔ anadwo no; na ɔsɔre kɔe, na ɔkɔduruu Yebus (a ɛne Yerusalem) no ntentensoɔ; na mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn no ne ne mpena no ka no ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nanso, afei deɛ ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔbɛkɔ. Enti ɔfaa ne mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn no ne mpena no, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Yebus (a ɛyɛ Yerusalem).

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na ɔbarima no ampene sɛ ɔbɛda hɔ anadwo no; na ɔsɔre kɔe, na okoduu Yebus a ɛne Yerusalem no ntentenso; na mfurum abien a wɔahyehyɛ wɔn no ne ɔbea no ka ne ho.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 19:10
7 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene ne ne mmarima kɔɔ Yerusalem kɔtuaa Yebusifoɔ a na wɔte asase no soɔ no, na Yebusifoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woremma ha, na nnipa a wɔyɛ mmrɛ te sɛ anifirafoɔ ne mpakye mpo bɛsi wo kwan. Na wɔdwene sɛ, Dawid rentumi nhyɛne mu hɔ.


Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Yudafoɔ no antumi antu wɔn, na Yebusifoɔ no ne Yudafoɔ no tenaa Yerusalem de bɛduru nnɛ yi.


Na ɛhyeɛ no foro fa Hinom ba bonhwa no mu, Yebusifoɔ nkyɛn mu anafoɔ fam, (ɛne Yerusalem); na ɛhyeɛ no foro kɔ bepɔ a ɛwɔ Hinom bonhwa no ntentensoɔ wɔ atɔeɛ wɔ Refaim bonhwa no atifi fam awieeɛ no atifi.


ne Sela, Ha-elef ne Yebus a ɛne Yerusalem, Gibeat, Kiriat: Nkuro dunan ne ɛho nkuraa. Yei ne Benyaminfoɔ no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.


Na Yudafoɔ no bɛnee Yerusalem koe, na wɔfae, na wɔkum wɔn nkrantɛ ano, na wɔtoo kuro no mu gya.


Na ɔbarima no sɔree sɛ ɔrekɔ, ɔno ne ne mpena ne n’abɔfra no. Na n’ase, ababaa no agya no, ka kyerɛɛ no sɛ: Enwunu redwo na adeɛ reyɛ asa, monna ɛ, hwɛ, adesaeɛ abɛn, da ha na gye w’ani, na ɔkyena moatua nhema atu mo kwan akɔ wo fie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios