Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 18:12 - Twerɛ Kronkron

12 Na wɔkɔe kɔkyeree nsraban Kiriat-yearim wɔ Yuda. Ɛno nti wɔfrɛ hɔ Mahane-dan de bɛsi nnɛ. Hwɛ, ɛwɔ Kiriat-yearim akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔkyeree nsraban wɔ beae bi a ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔe fam wɔ Yuda asase so. Wɔfrɛ hɔ Mahane Dan besi nnɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔkɔe kɔkyeree nsraban Kiriat-yearim wɔ Yuda. Ɛno nti wɔfrɛ hɔ Mahane-dan de bɛsi nnɛ. Hwɛ, ɛwɔ Kiriat-yearim akyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔkyeree nsraban wɔ beaeɛ bi a ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔeɛ fam wɔ Yuda asase so. Wɔfrɛ hɔ Mahane Dan bɛsi ɛnnɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na wɔkɔe, kɔbɔɔ nsra Kiriat-yearim wɔ Yuda. Ɛno nti, wɔfrɛ hɔ Mahane-dan de besi nnɛ; hwɛ, ɛwɔ Kiriat-yearim akyi.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 18:12
10 Referencias Cruzadas  

(Nanso Nyankopɔn adaka no deɛ, Dawid kɔfa firii Kiriat-yearim de baa deɛ Dawid siesie maa no no, na wasi ntomadan ama no wɔ Yerusalem.)


Kiriat-baal (a ɛne Kiriat-yearim), ne Raba: Nkuro mmienu ne ɛho nkuraa.


Na ɛhyeɛ no hima firi bepɔ no mpampam kɔ Neftoa asutire no ho, na ɛfiri hɔ kɔ Efron bepɔ so nkuro ho, na ɛhyeɛ no hima kɔ Baala (a ɛne Kiriat-yearim).


Na Israelfoɔ tui, na wɔkɔtoo wɔn nkuro da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na wɔn nkuro ne Gibeon ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-yearim.


Na AWURADE honhom firii aseɛ kekaa no wɔ ne mu, Dan nsraban mu Sora ne Estaol ntam.


Ɛnna Danfoɔ abusua no mu mmarima ahansia a wɔahyehyɛ akodeɛ tu firii Sora ne Estaol.


Na wɔtwaa mu hɔ kɔɔ Efraim bepɔ so, na wɔduruu Mika fie.


Na wɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Kiriat-yearimfoɔ nkyɛn sɛ: Filistifoɔ de AWURADE adaka no aba, na mommɛfa nkɔ mo nkyɛn.


Na Kiriat-yearimfoɔ ba bɛfaa AWURADE adaka no de foro kɔɔ Abinadab fie, kokoɔ no so, na wɔdwiraa ne ba Eleasa sɛ ɔnhwɛ AWURADE adaka no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios