Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 16:7 - Twerɛ Kronkron

7 Na Samson ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde nhomamono nson a ɛnwoeɛ kyekyere me a, ɛnneɛ mɛhodwo, na mayɛ sɛ onipa biara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Samson buaa no se, “Sɛ obi de agyan so ahama ason a ɛnwoe kyekyere me a, mɛyɛ mmerɛw te sɛ onipa biara.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na Samson ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde nhomamono nson a ɛnwoeɛ kyekyere me a, ɛnneɛ mɛhodwo, na mayɛ sɛ onipa biara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Samson buaa no sɛ, “Sɛ obi de agyan so nhoma nson a ɛnwoeɛ kyekyere me a, mɛyɛ mmerɛ te sɛ onipa biara.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na Samson ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde nhama momono ason a ɛnwoe kyere me a, ɛnne megurow, na mayɛ sɛ onipa biara.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 16:7
12 Referencias Cruzadas  

Nokorɛ ano tim hɔ daa, na tɛkyerɛma torofoɔ deɛ wɔnkyɛre koraa.


Kasantrasoɔ mfata ogyegyentwie, na nkantom sɛ atorɔ ano bɛfata ɔdehyeɛ.


Na adɛn nti na yɛnka sɛ (sɛdeɛ wɔtwa to yɛn so, na ebinom ka sɛ, yɛse:) Momma yɛnyɛ bɔne, na papa mmra? Wɔbɛbu wɔn fɔ sɛdeɛ ɛfata.


Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wɔnsi no atwetweɛ; ɛfiri sɛ deɛ onipa guo no, ɛno ara na ɔbɛtwa.


Monnnidi atorɔ nnkyerɛkyerɛ mo ho, ɛfiri sɛ moayi onipa dada no ne ne nneyɛɛ agu,


Ɛnna Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Hwɛ, woasisi me, na woatwa me nkontompo. Afei mesrɛ wo, kyerɛ me deɛ wɔbɛtumi de akyekyere woɔ ɛ.


Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Ka kyerɛ me ɛ, ɛdeɛn mu na w’ahoɔden kɛseɛ no wɔ, na ɛdeɛn na wɔde bɛkyekyere woɔ abrɛ wo aseɛ?


Ɛnna Filistifoɔ asafohene no de nhomamono kyeaoo nson a ɛnwoeɛ brɛɛ no, na ɔde kyekyeree no.


Nso na ɔwɔ atɛfoɔ hyɛ pia mu. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔtetee nhoma no mu sɛdeɛ ogya ka firaeɛ a, ɛteteɛ no. Na wɔanhunu n’ahoɔden no ase.


Na Saulo ka kyerɛɛ Mikal sɛ: Adɛn nti na woadaadaa me sɛɛ, na woagya me tamfo kwan na wafiri mu afire yi? Na Mikal ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma menkɔ; adɛn nti na menku woɔ?


Na Akis kaa sɛ: Ɛhefoɔ na ɛnnɛ mokɔfom wɔn faeɛ yi? Na Dawid se: Yɛkɔɔ Yuda Negeb ne Yerahmeelfoɔ anafoɔ fam ne Kenifoɔ anafoɔ fam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios