Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 16:21 - Twerɛ Kronkron

21 Na Filistifoɔ no kyeree no tutuu n’ani, na wɔde no kɔɔ Gasa, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔyam ayuo apokyerɛfoɔ fie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Na Filistifo no kyeree no, tutuu nʼani. Wɔde no kɔɔ Gasa na woguu no kɔbere mfrafrae mpokyerɛ ma ɔyam atoko wɔ afiase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na Filistifoɔ no kyeree no tutuu n’ani, na wɔde no kɔɔ Gasa, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔyam ayuo apokyerɛfoɔ fie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Na Filistifoɔ no kyeree no, tutuu nʼani. Wɔde no kɔɔ Gasa na wɔguu no kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ ma ɔyamm atokoɔ wɔ nnedua fie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na Filistifo no kyeree no tutuu n’aniwa, na wɔde no kɔɔ Gasa, na wɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔyam awi apokyerɛfo fi.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 16:21
15 Referencias Cruzadas  

Na wɔkunkumm Sedekia mmammarima n’anim, na wɔbɔɔ Sedekia ani, na wɔguu no nkɔnsɔnkɔnsɔn na wɔde no kɔɔ Babel.


Ɛnna AWURADE maa Asiriahene asahene baa wɔn soɔ, na wɔde nkɔtɔkorɔ kyeree Manase, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, na wɔde no kɔɔ Babel.


sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn bɛkyekyere wɔn ahemfo, na wɔde dadeɛ mpokyerɛ agu wɔn atitire;


na Misraim asase so mmakan nyinaa bɛwuwu, ɛfiri Farao abakan a ɔtena n’adwa soɔ so de kɔsi afenaa a ɔwɔ oyuyammoɔ akyire abakan ne mmoa mmakan nyinaa so.


Akoma mu kyirisanefoɔ akwan bɛmee no, na onipa pa nso adeɛ bɛmee no.


Wɔn a wɔkɔ ne ho mu biara nsane, na wɔrensi nkwa akwan mu.


Ɔbɔnefoɔ amumuyɛ sɔ ne mu, na ne bɔne nhoma kye no.


Fa ayuyammoɔ ne ne ba kɔyam ayuo, yi wo nkatanimu, ma wo gyawurusie so, yiyi wo nan ho, twitwa asuo.


Na ɔtutuu Sedekia ani, na ɔmaa wɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, sɛ wɔmfa no nkɔ Babel.


Wɔma mmeranteɛ yam ayuyammoɔ so, na mmɔfra hwehwe ase nnyina ase.


Nso womfaa yɛn mmaa asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ so, na wommaa yɛn mfuo ne nturo sɛ yɛnni so; na mmarima yi aniwa na worebɛtutuo? Yɛremma!


Mmaa mmienu a wɔreyam owiyammoɔ soɔ, wɔbɛfa ɔbaako na wɔagya koro no.


Na ɔkaa sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔnyane firii ne nna no mu, na ɔse: Mɛfiri adi sɛ kane no, na mawoso me ho. Nanso ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ AWURADE afiri ne ho.


Na ne tirinwi firi aseɛ fui, n’ayie no akyi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios