Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 14:6 - Twerɛ Kronkron

6 Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔtetee ne mu, sɛdeɛ wɔtete abirekyie ba mu, nanso na hwee nkuta ne nsam. Na wanka deɛ ɔyɛeɛ no ankyerɛ n’agya ne ne na.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Amono mu hɔ ara, Awurade Honhom baa ne so wɔ ahoɔden mu, na ɔde ne nsa hunu waee gyata no abogye. Ɔwaee te sɛ nea ɔrewae abirekyi ba bi abogye. Nanso wanka nea ɔyɛe yi ankyerɛ nʼawofo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔtetee ne mu, sɛdeɛ wɔtete abirekyie ba mu, nanso na hwee nkuta ne nsam. Na wanka deɛ ɔyɛeɛ no ankyerɛ n’agya ne ne na.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Amonom hɔ ara, Awurade Honhom baa ne so wɔ ahoɔden mu, na ɔde ne nsa hunu waee gyata no apantan. Ɔwaee te sɛ deɛ ɔrewae abirekyie ba bi apantan. Nanso, wanka deɛ ɔyɛeɛ yi ankyerɛ nʼawofoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na AWURADE honhom sii no so, na ɔtetew no mu, sɛnea wɔtetew abirekyi ba mu, nanso na hwee nkita ne nsam. Na wanka nea ɔyɛe no ankyerɛ n’agya ne ne na.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 14:6
21 Referencias Cruzadas  

Wobɛnante gyata ne ahuritia so, wobɛtiatia gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so.


Ɔrenteam na ɔremma ne nne so, na ɔremma wɔnte ne nne abɔntene so;


Na ɔbua see me sɛ: Yei ne AWURADE asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden soɔ, na mmom me honhom so, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra.


Wɔn na wɔnam gyidie so ko dii ahennie ahodoɔ so nkonim, dii asɛntenenee, nyinyaa bɔhyɛ, sii agyata ano,


Deɛ ɔyɛ bɔne no firi ɔbonsam, ɛfiri sɛ ɔbonsam na ɔfiri mfitiaseɛ yɛɛ bɔne. Yei nti na Nyankopɔn Ba no bɛyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.


Na AWURADE honhom baa Yefta so, na ɔfaa Gilead ne Manase sene kɔɔ Gilead-mispe na ɔfiri Gilead-mispe twaa mu kɔɔ Amonfoɔ no so.


Na AWURADE honhom firii aseɛ kekaa no wɔ ne mu, Dan nsraban mu Sora ne Estaol ntam.


Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔsii mu kɔɔ Askelon kɔkunkumm wɔn mu mmarima aduasa, na ɔfaa wɔn ho adeɛ, na ɔde ntadeɛ nsakyeraho no memaa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no aseɛ no. Na ne bo fui. Na ɔsane kɔɔ n’agya fie.


Na Samson ne n’agya ne ne na sii mu kɔɔ Timna. Na wɔduruu Timna bobe nturo ho, na hwɛ, gyataburuwa bi boboom hyiaa no.


Na ɔsii mu kɔ kɔnee ɔbaa no kasae, na ɔsɔɔ Samson ani.


Na ɔhunuu afunumu abɔgye foforɔ bi, na ɔtenee ne nsa fa de kunkumm mmarima apem.


Na ɔbobɔɔ wɔn srɛ ne dwonkuo so kunkumm wɔn okunkɛseɛ. Na ɔsii mu kɔtenaa Etam botan tokuro mu.


Na Samson kaa sɛ: Ma me ne Filistifoɔ no nwuwu! Na ɔde n’ahoɔden nyinaa kuntunii, na efie no dwiri guu asafohene no ne nnipa a wɔwɔ mu no nyinaa so. Na awufoɔ a ɔmaa wɔwuiɛ ne wuo mu dɔɔso sene wɔn a ɔmaa wɔwuiɛ ne nkwa berɛ mu.


Na AWURADE honhom baa ne so, na ɔbuu Israel atɛn na ɔfirii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim hyɛɛ ne nsa, na ne nsa yɛɛ Kusan-risataim so den.


Na Saulo ka kyerɛɛ n’agya nua no sɛ: Ɔkaa no pefee kyerɛɛ yɛn sɛ wɔahunu mfunumu no. Na ahennie no ho asɛm a Samuel kaeɛ no deɛ, wanka ankyerɛ no.


Na AWURADE honhom bɛsi wo so, na wo ne wɔn ahyɛ nkɔm, na woadane ayɛ onipa foforɔ.


Na Saulo tee nsɛm yi no, AWURADE honhom sii ne so, na ne bo fuu kɛse.


Na da bi Saulo ba Yonatan ka kyerɛɛ n’abɔfra a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: Bra ma yɛnkɔ Filistifoɔ bansifoɔ a wɔwɔ nohoa no ho. Nanso wanka ankyerɛ n’agya.


Ɛnnɛ da yi AWURADE de wo bɛhyɛ me nsa, na maku wo, na matwa wo tiri afiri so, na mede Filistifoɔ dɔm afunu mama ewiem nnomaa ne asase so mmoadoma nnɛ ara, na asase nyinaa ahunu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios