Atemmufo 13:5 - Twerɛ Kronkron5 Na hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima a yiwan renka ne tire, na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum na ɔno na ɔbɛfiri aseɛ agye Israel afiri Filistifoɔ nsam. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm5 Wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan renka ne ti, efisɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn fi awo mu. Obegye Israel afi Filistifo nsam.” Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible5 Na hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima a yiwan renka ne tire, na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum na ɔno na ɔbɛfiri aseɛ agye Israel afiri Filistifoɔ nsam. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm5 Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan nka ne tire, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn firi awoɔ mu. Ɔbɛgye Israel afiri Filistifoɔ nsam.” Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON5 Na hwɛ, worebenyinsɛn awo babarima a oyiwan renka ne ti, na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum, na ɔno na obefi ase agye Israel afi Filistifo nsam. Ver Capítulo |