Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 13:23 - Twerɛ Kronkron

23 Na ne yere no ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE pɛ sɛ ɔku yɛn a, anka wannye yɛn nsam ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ, na anka wanyi yeinom nyinaa ankyerɛ yɛn, na anka wamma yɛante nsɛm a ɛte saa yi saa berɛ yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Nanso ne yere kae se, “Sɛ Awurade bekum yɛn a, anka wannye yɛn ɔhyew afɔre ne aduan afɔre no. Anka ɔrenyi ne ho adi nkyerɛ yɛn, nka anwonwasɛm nkyerɛ yɛn, nyɛ saa anwonwade yi nso.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Na ne yere no ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE pɛ sɛ ɔku yɛn a, anka wannye yɛn nsam ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ, na anka wanyi yeinom nyinaa ankyerɛ yɛn, na anka wamma yɛante nsɛm a ɛte saa yi saa berɛ yi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Nanso, ne yere kaa sɛ, “Sɛ Awurade bɛkum yɛn a, anka wannye yɛn ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ no. Anka ɔrenyi ne ho adi nkyerɛ yɛn, nka anwanwasɛm nkyerɛ yɛn, nyɛ saa anwanwadeɛ yi nso.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na ne yere no ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE pɛ sɛ okum yɛn a, anka wannye yɛn nsam hyew afɔre ne aduan afɔre, na anka wanyi eyinom nyinaa ankyerɛ yɛn, na anka wamma yɛante nsɛm a ɛte sɛɛ yi saa bere yi.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 13:23
12 Referencias Cruzadas  

Ɔmma wo deɛ w’akoma pɛ, na ɔmma wo tirim asɛm nyinaa mmra mu.


AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wɔsuro no, na ɔma wɔhunu n’apam no mu.


Megye medi sɛ mɛhunu AWURADE ayamyɛ, ateasefoɔ asase so.


Yɛ me ho nsɛnkyerɛnneɛ ma no nsi me yie, na m’atamfoɔ nhunu, na wɔn ani nwu, sɛ wo, AWURADE, woaboa me akyekyere me werɛ.


Na ɔkɔnkɔnsani yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ na ɔne wɔn ka atirimusɛm.


Da no ara mobɛhunu sɛ mewɔ m’Agya no mu, na mowɔ me mu, na mewɔ mo mu.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.


Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ akoa nnim deɛ ne wura reyɛ; na mafrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ nnoɔma a mate no m’Agya nkyɛn nyinaa maka makyerɛ mo.


Ani ntumi nka nkyerɛ nsa sɛ: Wo ho nhia me; afei etire ntumi nka nkyerɛ ɛnan sɛ: Mo ho nhia me.


Na ɔbaa no woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Samson. Na abɔfra no nyinii, na AWURADE hyiraa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios