Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 13:22 - Twerɛ Kronkron

22 Na Manoa ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Wuo na yɛrebɛwuwuo, sɛ yɛahunu Onyankopɔn yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 na ɔka kyerɛɛ ne yere se, “Yebewuwu, efisɛ yɛahu Onyankopɔn!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Na Manoa ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Wuo na yɛrebɛwuwuo, sɛ yɛahunu Onyankopɔn yi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 na ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ, “Yɛbɛwuwu, ɛfiri sɛ, yɛahunu Onyankopɔn!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na Manoa ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Owu na yɛrebewuwu, sɛ yɛahu Nyankopɔn yi.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 13:22
11 Referencias Cruzadas  

Na Yakob too ɛhɔ din Peni-el, ɛfiri sɛ ɔse: Me ne Onyankopɔn adi nhunuanimu, nso me kra anya nkwa.


Na wɔhunuu Israel Nyankopɔn no; na ne nan ase te sɛ adeɛ a wɔde hoaboɔ a emu teɛ ayɛ, na ne nahanaha te sɛ ɔsoro pa ara.


Ɛnna Mose ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson foro kɔeɛ.


Na ɔkaa sɛ: Mene w’agya Nyankopɔn no, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Ɛnna Mose kataa n’anim, ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn.


Na ɔse: Wontumi nhunu m’anim, ɛfiri sɛ onipa renhunu m’anim nnya nkwa.


Ɛnna mekaa sɛ: Mennue, na mayera; na meyɛ onipa a m’ano ho nteɛ, na mete ɔman a wɔn ano ho nteɛ mu, ɛfiri sɛ Ɔhene, asafo AWURADE, na m’ani ahu no yi!


Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔtwere Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


Na Agya no a ɔsomaa me no ara adi me ho adanseɛ. Moante ne nne ara da, nso moanhunu ne suban;


sɛ ɔrebɛtu aman a wɔso na wɔyɛ den sene woɔ afiri w’anim, sɛ ɔde wo rekɔ hɔ de wɔn asase akɔma wo sɛ awunnyadeɛ, sɛdeɛ ɛte nnɛ da yi.


Na honam nyinaa mu hwan na wate Nyankopɔn teasefoɔ no nne sɛ ɛrekasa firi ogya mu, sɛ yɛn, na wanya nkwa?


Na Gideon hunuu sɛ ɛyɛ AWURADE bɔfoɔ no, Gideon kaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn! Afei na mahunu AWURADE bɔfoɔ anim ne anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios