Atemmufo 12:6 - Twerɛ Kronkron6 wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ ka sɛ Shibolet, na ɔka sɛ: Sibolet, ɛfiri sɛ ɔntumi nka no yie a, na wɔakye no aku no Yordan atwaeɛ hɔ. Na saa berɛ no Efraimfoɔ mpemaduanan mmienu na ɛtotɔeɛ. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm6 wɔka kyerɛ no se, ɔnka “Sibolet.” Sɛ ofi Efraim a, ɔka, “Sibolet,” Efisɛ nnipa a wofi Efraim no ntumi nka saa asɛm no yiye. Sɛ ɛba saa a, na wɔakyere no akokum no wɔ Asubɔnten Yordan aworoe so hɔ. Enti Efraimfo mpem aduanan abien na wokunkum wɔn saa bere no. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible6 wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ ka sɛ Shibolet, na ɔka sɛ: Sibolet, ɛfiri sɛ ɔntumi nka no yie a, na wɔakye no aku no Yordan atwaeɛ hɔ. Na saa berɛ no Efraimfoɔ mpemaduanan mmienu na ɛtotɔeɛ. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm6 wɔka kyerɛ no sɛ, ɔnka “Sibolet.” Sɛ ɔfiri Efraim a, ɔka, “Sibolet,” Ɛfiri sɛ, nnipa a wɔfiri Efraim no ntumi nka saa asɛm no yie. Sɛ ɛba saa a, na wɔakye no akɔkum no wɔ Asubɔnten Yordan aworɔso hɔ. Enti, Efraimfoɔ ɔpeduanan mmienu na wɔkunkumm wɔn saa ɛberɛ no. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON6 wɔka kyerɛ no sɛ: Ɛnne ka sɛ: Shibolet, na sɛ ɔka sɛ: Sibolet, efisɛ ontumi nka no yiye a, na wɔakyere no akum no Yordan atwae hɔ. Na saa bere no Efraimfo ɔpeduanan abien na ɛtotɔe. Ver Capítulo |