Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 12:3 - Twerɛ Kronkron

3 na mehunuu sɛ moremma mmɛgye me no, mede me nkwa metoo me nsam, na mesene mekɔɔ Amonfoɔ no so, na AWURADE de wɔn hyɛɛ me nsa, na adɛn na moaforo aba me soɔ ne me rebɛko nnɛ yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mede me nkwa too me nsam kɔkoe a monnka ho, nanso Awurade ma midii Amonfo so nkonim. Na adɛn nti na afei woaba sɛ wo ne me rebɛko?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 na mehunuu sɛ moremma mmɛgye me no, mede me nkwa metoo me nsam, na mesene mekɔɔ Amonfoɔ no so, na AWURADE de wɔn hyɛɛ me nsa, na adɛn na moaforo aba me soɔ ne me rebɛko nnɛ yi?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mede me nkwa too me nsam kɔkoeɛ a monnka ho, nanso Awurade ma medii Amonfoɔ so nkonim. Na adɛn enti na afei woaba sɛ wo ne me rebɛko?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na mihuu sɛ momma mmegye me no, mede me nkwa metoo me nsam, na mesen mekɔɔ Amonfo no so, na AWURADE de wɔn hyɛɛ me nsa, na ɛdɛn na moforo ba me so ne me abɛko nnɛ yi?

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 12:3
11 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, Onyankopɔn ka yɛn ho, di kan, ne n’asɔfoɔ a wɔhyɛne osebɔ ntotorobɛnto, sɛ wɔde bɛfrɛ ɔko atia mo. Israel mma, mo ne AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no nnko, na ɛrensi mo yie.


Adɛn nti na memfa me honam mentua me se ano, na memfa me kra mento me nsam?


Me kra da me nsam daa, nanso me werɛ mfiri wo mmara.


a wɔpɛɛ sɛ anka wɔde wɔn ara wɔn nkwa to hɔ maeɛ de sii me kra ananmu. Na ɛnyɛ me nko na meda wɔn aseɛ, na mmom asafo a ɛwɔ amanaman nyinaa mu nso.


Na wɔnam Adwammaa no mogya ne wɔn adanseɛ asɛm no so adi ne so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbɛwuo.


Na me deɛ, menyɛɛ wo bɔne biara, na wo na woreyɛ me bɔne sɛ wo ne me rebɛko yi. AWURADE temmufoɔ no ɔmmu Israelfoɔ ne Amonfoɔ ntam atɛn nnɛ.


Na Yefta ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me ne me nkurɔfoɔ nyinaa ne Amonfoɔ nyaa manso kɛseɛ; na meteaa mu mefrɛɛ mo no, moannye me amfiri wɔn nsam;


Na Yefta boaa Gilead mmarima nyinaa ano na ɔne Efraim koe; na Gilead mmarima no kunkumm Efraimfoɔ no, ɛfiri sɛ, wɔse: Moyɛ Efraim adwanefoɔ, mo Gileadfoɔ, mowɔ Efraim mu, na mowɔ Manase mu.


sɛ m’agya ko maa mo na ɔde ne nkwa too ne nsam, na ɔgyee mo firii Midian nsam,


Na ɔde ne kra too ne nsam kɔkumm Filistini no, na AWURADE dii nkonim kɛse maa Israel nyinaa. Wohunui na w’ani gyeeɛ; na adɛn nti na worebɛyɛ mogya a ɛdi bem ho bɔne na woakum Dawid kwa?


Na ɔbaa no baa Saulo nkyɛn, na ɔhunuu sɛ wabɔ hu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’afenaa atie wo, na mede me nkwa mato me nsam, na matie wo nsɛm a woka kyerɛɛ me no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios