Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 10:4 - Twerɛ Kronkron

4 Na ɔwɔ mmammarima aduasa a na wɔtenatena mfunumu mma aduasa soɔ na wɔwɔ nkuro aduasa a wɔfrɛ no Yair nkuro de bɛsi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asase so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na ne mmabarima aduasa tena wɔn mfurum so kyinkyin, na wodi nkurow aduasa so wɔ Gilead asase so, a ebesi nnɛ wɔfrɛ hɔ Yair Nkurow.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔwɔ mmammarima aduasa a na wɔtenatena mfunumu mma aduasa soɔ na wɔwɔ nkuro aduasa a wɔfrɛ no Yair nkuro de bɛsi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asase so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ne mmammarima aduasa tena wɔn mfunumu so kyinkyini, na wɔdi nkuro aduasa so wɔ Gilead asase so, a ɛbɛsi ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Yair Nkuro.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔwɔ mmammarima aduasa a wɔtenatenaa mfurum mma aduasa so na wɔwɔ nkurow aduasa a wɔfrɛ no Yair nkurow de besi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asase so.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 10:4
8 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene bisaa Siba sɛ: Wode yeinom rebɛyɛ dɛn? Na Siba se: Mfunumu yi, wɔmfa mma ɔhene fiefoɔ na wɔntena so, na paanoo ne nnuaba yi, mmeranteɛ no nni, na nsa yi nso, wɔmfa mma wɔn a wɔabrɛ ɛserɛ soɔ na wɔnnom.


Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so.


Na Manase ba Yair sii mu kɔfaa wɔn atenaeɛ no, na ɔfrɛɛ no Yair atenaeɛ.


Manase ba Yair faa Argob asase no nyinaa a ɛne Basan kɔsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so, na ɔde ne din too asase no frɛɛ no Hawot-yair de bɛsi nnɛ da yi.)


Na n’akyiri no, Gileadni Yair sɔree, na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ aduonu mmienu.


Na Yair wui, na wɔsiee no Kamon.


Na ɔwɔ mmammarima aduanan ne mmanana aduasa a wɔtenaa mfunumu aduɔson soɔ. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ nwɔtwe.


Mo a motete mfunumubereɛ afufuo soɔ, mo a motete nkuntu a ɛsom boɔ soɔ, mo a monenam akwan soɔ, monto dwom!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios