Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 10:14 - Twerɛ Kronkron

14 Monkɔ nkɔsu mfrɛ anyame a moayi wɔn no, na wɔnnye mo mo ahohia berɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Munkosu nkyerɛ anyame a moafa wɔn no. Momma wonnye mo bere a morehu amane yi.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Monkɔ nkɔsu mfrɛ anyame a moayi wɔn no, na wɔnnye mo mo ahohia berɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Monkɔsu nkyerɛ anyame a moafa wɔn no. Momma wɔnnye mo ɛberɛ a morehunu amaneɛ yi.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Monkɔ nkosu mfrɛ anyame a moapaw wɔn no, na wonnye mo mo ahohia bere mu.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 10:14
10 Referencias Cruzadas  

Na Elisa ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Kɔ w’agya adiyifoɔ ne wo na adiyifoɔ no nkyɛn! Na Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, na AWURADE afrɛ ahemfo baasa yi ahyia sɛ ɔde wɔn rekɔhyɛ Moab nsa.


Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba no mu? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔgye mmoa, na ɛhe na mobɛgya mo ahodeɛ no?


Wɔma no so si akɔnkɔn kɔsoɛ no si ne sibea, na ɛsi hɔ; ɛntwe ne ho mfiri n’afa; wɔteam frɛ no a, ɔmmua, na ɔntumi nnye obi, n’ahohia mu.


Woteam a, ma w’abosompem a woaprapra aboa ano no nnye wo. Na mframa bɛsoa wɔn nyinaa akɔ, ohuo bɛfa wɔn kɔ; na deɛ ɔdwane bɛtoa me no bɛnya asase no adi, na wanya me bepɔ kronkron no atena so.


Na ɛhe na w’anyame a woyɛ faeɛ no wɔ? Ma wɔnsɔre, sɛ wɔbɛtumi agye wo, w’amanehunu berɛ mu anaa? Na sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, saa ara na w’anyame dodoɔ teɛ, O Yuda!


Na mo, Israel fie, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monkɔ nkɔsom mo abosonhuhuo ɛ, seesei ne daakye, sɛ moantie me a, ɛnneɛ na mommfa mo ayɛyɛdeɛ ne mo abosonhuhuo no ngu me din kronkron no ho fi bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios