Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Atemmufo 1:23 - Twerɛ Kronkron

23 Na Yosef mma no soma maa wɔkɔsraa Betel. (Akane no na kuro no din de Lus.)

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Wɔsomaa akwansrafo kɔɔ Bet-El (a kan no na wɔfrɛ no Lus) hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Na Yosef mma no soma maa wɔkɔsraa Betel. (Akane no na kuro no din de Lus.)

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Wɔsomaa akwansrafoɔ kɔɔ Bet-El (a kane no na wɔfrɛ no Lus) hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na Yosef mma no soma ma wɔkɔsraa Betel, kan no na kurow no din de Lus.

Ver Capítulo Copiar




Atemmufo 1:23
10 Referencias Cruzadas  

Na ɔfrɛɛ hɔ: Betel, nanso akane no na kuro no din de Lus.


Na Yakob ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho nyinaa duruu Lus a ɛwɔ Kanaan asase soɔ (a ɛne Betel).


Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Onyankopɔn Tweaduampɔn yii ne ho kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase soɔ, na ɔhyiraa me


Na deɛ ntonto no yi maa Yosef mma no firi Yeriko Yordan ano, Yeriko asuo apueeɛ, ɛserɛ a ɛfiri Yeriko kɔ Betel bepɔ soɔ no;


na ɛfiri Betel de kɔ Lus, na ɛtwam kɔ Arkifoɔ hyeɛ so wɔ Atarot,


Na ɛhyeɛ no firi hɔ sene fa anafoɔ fam kɔ Lus, wɔ Lus a ɛne Betel no nkyɛn mu, na ɛhyeɛ no siane kɔ Atarot-adar, bepɔ a ɛda anafoɔ Bet-horon anafoɔ fam no so.


Na Nun ba Yosua somaa mmarima asrafoɔ baanu firi Sitim ahuntaeɛ mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wɔsii mu kɔe, na wɔduruu ɔbaa dwamamfoɔ bi a wɔfrɛ no Rahab fie, na wɔdaa hɔ.


Na Yosua somaa mmarima bi firi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apueeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔ kɔsraa Ai.


Na Yosef fie nso foro kɔɔ Betel, na AWURADE dii wɔn akyi.


Na Danfoɔ no somaa wɔn abusua mu mmarima baanum, wɔn mu mmarima a wɔyɛ nnam, firii Sora ne Estaol, sɛ wɔnkɔsra asase no na wɔnhwehwɛ mu, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no so. Na wɔduruu Efraim bepɔ so Mika fie, na wɔdaa hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios