Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 8:25 - Twerɛ Kronkron

25 Na wɔn deɛ, wɔdii adanseɛ na wɔkaa Awurade asɛm no, wɔsane kɔɔ Yerusalem, na wɔkaa asɛmpa no wɔ Samariafoɔ nkuraa bebree ase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Ansa na Petro ne Yohane redu Yerusalem no, wɔkaa asɛmpa no wɔ Samaria nkuraa bebree ase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Na wɔn deɛ, wɔdii adanseɛ na wɔkaa Awurade asɛm no, wɔsane kɔɔ Yerusalem, na wɔkaa asɛmpa no wɔ Samariafoɔ nkuraa bebree ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Ansa na Petro ne Yohane reduru Yerusalem no, wɔkaa asɛmpa no wɔ Samaria nkuraa bebree ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na wɔn de, wodii adanse na wɔkaa Awurade asɛm no no, wɔsan kɔɔ Yerusalem, na wɔkaa asɛmpa no wɔ Samariafo nkuraa bebree ase.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 8:25
14 Referencias Cruzadas  

na medii Nyankopɔn fam adwensakyera ne Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ mekyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ.


Menam onua nokwafoɔ Silwano so, sɛdeɛ mebu no no, matwerɛ nsɛm tiawa yi mabrɛ mo, mede metu mo fo, na medi adanseɛ sɛ, yei ne Nyankopɔn nokorɛ adom a moabɛgyina mu yi.


kaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm, na ɔde nnam nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnoɔma a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho, na obiara ansi no kwan.


Enti monhunu sɛ wɔama wɔde Nyankopɔn nkwagyeɛ no akɔma amanaman mufoɔ; na wɔbɛte.


Na wɔhyɛɛ no da no, nnipa bebree baa ne nkyɛn faako a ɔteɛ hɔ; na ɔkyerɛɛ wɔn aseɛ dii Nyankopɔn ahennie ho adanseɛ, na ɔde Mose mmara ne adiyifoɔ no kyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm no firi anɔpa kɔsii anwummerɛ.


Na Silas ne Timoteo firi Makedonia baeɛ no, Paulo de nnam kaa asɛm no na ɔdii adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ sɛ Yesu ne Kristo no.


Na Filipo deɛ, ɔkɔfirii Asoto; na ɔretwa mu no, ɔkaa asɛmpa no nkuro no nyinaa mu de kɔsii sɛ ɔduruu Kaesarea.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mobɛnya ahoɔden, na moayɛ m’adansefoɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.


na mo nso mobɛdi adanseɛ, ɛfiri sɛ moka me ho firi mfitiaseɛ.


Dummienu yi na Yesu somaa wɔn hyɛɛ wɔn sɛ: Mommmane nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛne Samariafoɔ kuro biara mu,


na mewɔ nuammarimanom baanum, na ɔnkɔdi wɔn adanseɛ, na wɔn nso amma aninyanneɛ mu ha yi bi.


Ɛberɛ a amrado no hunuu deɛ asie no, ɔgye diiɛ, na Awurade nkyerɛkyerɛ no yɛɛ no ahodwiri.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios