Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 7:23 - Twerɛ Kronkron

23 Na ɔdii mfirinhyia aduanan no, ɛbaa n’akomam sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ ne nuanom Israel mma no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 “Mose dii mfe aduanan no, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrekɔsra ne nuanom Israelfo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Na ɔdii mfirinhyia aduanan no, ɛbaa n’akomam sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ ne nuanom Israel mma no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 “Mose dii mfeɛ aduanan no, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrekɔsra ne nuanom Israelfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na odii mfirihyia aduanan no, ɛbaa ne komam sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ ne nuanom Israel mma no.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 7:23
18 Referencias Cruzadas  

Ɔhene akoma te sɛ asutene AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdane korɔ.


Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn akoma mu sɛ wɔmma ne tiri mu asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwene korɔ, na wɔmfa wɔn ahennie mma aboa no nkɔsi sɛ Nyankopɔn nsɛm no bɛwie duro.


Akyɛdeɛ pa nyinaa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi soro, ɛfiri hann Agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakyeraeɛ ne adaneadane sunsum nni ne mu.


Nhyira nka AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde saa asɛm yi ahyɛ ɔhene akoma mu, sɛ ɔde rebɛhyehyɛ AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no,


Na nna bi twaa mu no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ: Ma yɛnsane nkɔhwɛ anuanom no nkuro a yɛaka Awurade asɛm no hɔ nyinaa mu, nkɔhwɛ sɛdeɛ wɔteɛ.


Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom atitire ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, wɔn a Onyankopɔn akanyan wɔn honhom nyinaa sɔresɔree sɛ wɔreforo asane akɔsi AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no.


Na Persiahene Kores afe a ɛdi kan mu no, sɛ AWURADE asɛm a ɛfiri Yeremia anomu no bɛba mu nti, AWURADE kanyan Persiahene Kores honhom, na ɔmaa wɔpaee mu kaa no n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛe nso sɛ:


Na Nyankopɔn nsa baa Yuda nso so, sɛ ɔrema wɔn akoma korɔ sɛ wonni ɔhene ne asafohene no adeɛ a wɔde AWURADE asɛm hyɛeɛ no so.


Na Israelfoɔ mu mmarima ne mmaa nyinaa a wɔn akoma pɛ wɔn sɛ wɔmfa nnwuma a AWURADE nam Mose so hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no ho biribi mmra no de ayamyi ayɛyɛdeɛ brɛɛ AWURADE.


Na wɔbae, obiara a n’akoma kanyan no ne obiara a ne honhom kaa no, na wɔde AWURADE mmasoɔ afɔrebɔdeɛ baa sɛ wɔmfa nyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ne ɛho som nnoɔma nyinaa ne ntadeɛ kronkron no.


Na Mose sane kɔɔ n’ase Yetro nkyɛn, na ɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma mensane menkɔ me nuanom a wɔwɔ Misraim no nkyɛn menkɔhwɛ sɛ wɔda so tete ase anaa. Na Yetro ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ.


Na aseda nka Onyankopɔn a ɔde mo ho mmɔdemmɔ yi ara bi ahyɛ Tito akoma mu.


Berɛ a wɔne Farao kɔkasaeɛ no, na Mose adi mfirinhyia aduɔwɔtwe, na Aaron nso adi mfirinhyia aduɔwɔtwe mmiɛnsa.


Na ɔhunuu obi a wɔreyɛ no bɔne no, ɔgyee ne ti, na ɔtɔɔ deɛ wɔrehyɛ no soɔ no were kumm Misraimni no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios