Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 3:7 - Twerɛ Kronkron

7 Na ɔsɔɔ ne nsa nifa maa no so, na amonom hɔ ara ne nan ne ne nanpɔso yɛɛ den.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Afei Petro de ne nsa nifa soo no mu maa no so gyinaa hɔ. Prɛko pɛ, nʼanan mu yɛɛ den.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔsɔɔ ne nsa nifa maa no so, na amonom hɔ ara ne nan ne ne nanpɔso yɛɛ den.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, Petro de ne nsa nifa sɔɔ ne mu maa ne so gyinaa hɔ. Prɛko pɛ, ne nan no mu yɛɛ den.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na osoo ne nifa maa no so, na amonom hɔ ara ne nan ne ne ne mpow mu yɛɛ den.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 3:7
9 Referencias Cruzadas  

Na Yesu ba bɛsɔɔ ne nsa maa no so, na foɛ no gyaee, na ɔfirii aseɛ somm wɔn.


Na ɔsɔɔ abɔfra no nsa see no sɛ: Talita, Kumm! Aseɛ ne sɛ: Abaayewa, mese wo sɛ: Nyane!


Na Yesu sɔɔ ne nsa maa no so, na ɔsɔree.


Na ɔde ne nsa guu ne so, na amonom hɔ ara ɔtenee, na ɔyii Onyankopɔn ayɛ.


Na Petro kaa sɛ: Dwetɛ ne sika deɛ, menni bi, na deɛ mewɔ na mede merema woɔ yi: Nasareni Yesu Kristo din mu, nante!


Na ɔhuri gyinae, na ɔnantee, na ɔne wɔn kɔɔ asɔrefie hɔ a ɔnam, ɔrehurihuri na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ.


sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ nnipa yi? Na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a wɔnam wɔn so ayɛ; sɛ ada adi wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa anim, na yɛntumi nsane.


Sɛ nnɛ wɔbisa yɛn ɔyarefoɔ yi yieyɛ ho asɛm, sɛ ɛdeɛn na ama no adi mu a,


Na ɔtenee ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefoɔ ne akunafoɔ no de no anikan kyerɛɛ wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios