Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 27:3 - Twerɛ Kronkron

3 Na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔgyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn mma wɔnhwɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ade kyee no, yekoduu Sidon. Yulio yɛɛ Paulo adɔe ma ɔkɔsraa ne nnamfo ma wɔmaa no nneɛma a ɛho hia no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔgyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn mma wɔnhwɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Sidon. Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa ɔkɔsraa ne nnamfo maa wɔmaa no nneɛma a ɛho hia no no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na n’adekyee no, yekogyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔe maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn ma wɔnhwɛ no.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 27:3
12 Referencias Cruzadas  

Kanaan woo n’abakan Sidon, ne Het,


Sebulon tenabea bɛkyerɛ mpoano, na wahwɛ deɛ ahyɛn gyinagyina, na ɔne Sidon abɔ hyeɛ.


Na waka sɛ: Worenkɔ so nni ahurisie bio, O Sidon babaa a wɔabɔ wo adapaa. Kipro na sɔre twam korɔ, ɛhɔ nso worennya ɔhome.


Na saa ara nso na ɔbɛyɛ Hamat a ɔtoa soɔ no, Tiro ne Sidon, sɛ wosusu sɛ wɔnim nyansa mpo a.


Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakyera wɔn adwene ayitoma ne nso mu dada.


Afei na Herode afa Tirofoɔ ne Sidonfoɔ ho abufuo; enti wɔyɛɛ nokorɔ baa ne nkyɛn, na wɔde bɛbɔɔ ɔhene dabehene Blasto so sɛ ɔnsrɛ amannwoeɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ ɔhene no asase so na wɔnya nnuane.


Na ɔhyɛɛ asraafoɔ ɔha so panin no sɛ ɔmfa no nsie, na wɔnnyɛ no biribiara, na ne ho nnipa bi bɛsom no anaasɛ ɔba ne nkyɛn a, ɔnnkame no.


Na wɔsii agyinaeɛ sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔyii Paulo ne apokyerɛfoɔ bi maa asraafoɔ ha so panin bi a ne din de Yulio, a ɔfiri Augustan asraafoɔ kuo mu.


Nanso asraafoɔ ɔha so panin no pɛ sɛ ɔgye Paulo nti, wamma wɔanyɛ deɛ wɔsusuiɛ no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔn a wɔbɛtumi adwareɛ mfa wɔn ho ngu po mu kane nsi fam.


Na yɛduruu Roma no, wɔmaa Paulo kwan sɛ ɔne ɔsraani a ɔhwɛ no no nkɔtena faako a ɔpɛ.


Ebron, Rehob, Hamon, ne Kana de kɔsi Sidon Kɛseɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios