Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 24:7 - Twerɛ Kronkron

7 [Na anka yɛpɛɛ sɛ yɛfa yɛn mmara so bu no atɛn; na Ɔsafohene Lisia bae de aniɛden bɛgyee no yɛn nsam de no kɔe, na ɔhyɛɛ wɔn a wɔne no wɔ nkuro no sɛ wɔmmra wo nkyɛn;]

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso Ɔsahene Lisia begyee no fii yɛn nsam abran so,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 [Na anka yɛpɛɛ sɛ yɛfa yɛn mmara so bu no atɛn; na Ɔsafohene Lisia bae de aniɛden bɛgyee no yɛn nsam de no kɔe, na ɔhyɛɛ wɔn a wɔne no wɔ nkuro no sɛ wɔmmra wo nkyɛn;]

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso, Ɔsafohene Lisia bɛgyee no firii yɛn nsam abrane so,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 [Na anka yɛpɛe sɛ yɛfa yɛn mmara so bu no ntɛn; na Ɔsafohene Lisia bae de abransɛm dennen begyee no yɛn nsam de no kɔe;]

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 24:7
7 Referencias Cruzadas  

Wɔn deɛ wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa, na wɔntumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa;


Na wɔrehwehwɛ aku no no, asɛm no kɔduruu asraafoɔ apem so safohene no aso mu sɛ Yerusalem nyinaa ayɛ sakasaka.


Na ɔduruu ntwedeɛ no soɔ no, ɛbaa sɛ nkurɔfokuo no kitikiti nti, asraafoɔ no soaa no.


Na akasakasa no mu yɛɛ den no, ɔsafohene no suroo sɛ ebia wɔbɛtete Paulo mu nti, ɔhyɛɛ asraafoɔ no sɛ wɔnsiane mmɛhwim no mfiri wɔn nsam, na wɔmfa no nkɔ aban mu.


Na ɔfrɛɛ asraafoɔ ɔha so mpanimfoɔ no mu baanu bi kaa sɛ: Monsiesie asraafoɔ ahanu na wɔnkɔ Kaesarea, ne apɔnkɔfoɔ aduɔson, ne mpɛmɛtofoɔ ahanu, anadwo bɛyɛ nnɔnkron berɛ mu.


Na ɔsɔ hwɛɛ sɛ ɔde efi bɛka asɔrefie nso na yɛkɔkyeree no.


enti wo ara wobisa no a, wobɛhunu deɛ enti a yɛne no rebɔ nkuro yi nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios