Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 22:10 - Twerɛ Kronkron

10 Na mekaa sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ, Awurade? Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Damasko, na ɛhɔ na wɔbɛka wo adeɛ a wɔahyɛ sɛ yɛ nyinaa ho asɛm.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Mibisae se, ‘Dɛn na menyɛ, Awurade?’ “Awurade ka kyerɛɛ me se, ‘Sɔre na kɔ Damasko, na hɔ na mɛkyerɛ wo biribiara a mepɛ sɛ woyɛ.’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na mekaa sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ, Awurade? Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Damasko, na ɛhɔ na wɔbɛka wo adeɛ a wɔahyɛ sɛ yɛ nyinaa ho asɛm.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Mebisaa sɛ, ‘Ɛdeɛn na menyɛ, Awurade?’ “Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre na kɔ Damasko, na ɛhɔ na mɛkyerɛ wo biribiara a mepɛ sɛ woyɛ.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na mekae sɛ: Dɛn na menyɛ, Awurade? Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Damasko, na ɛhɔ na wɔbɛka wo ade a wɔahyɛ sɛ yɛ nyinaa ho asɛm.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 22:10
9 Referencias Cruzadas  

Enti ntɛm ara mesoma baa wo nkyɛn; na wo nso, woayɛ no yie sɛ woaba. Na afei yɛn nyinaa ahyia Nyankopɔn anim sɛ yɛrebɛtie deɛ Onyankopɔn ahyɛ woɔ nyinaa.


na ɔde wɔn firii adie no, ɔkaa sɛ: Awuranom, menyɛ dɛn na wɔagye me nkwa?


Na wɔteeɛ no, ɛwowɔɔ wɔn akoma mu, na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ: Anuanom, yɛnyɛ dɛn?


Na hann no animuonyam amma manhunu adeɛ nti, wɔn a wɔne me nam no sosɔɔ me nsa, na wɔde me kɔɔ Damasko.


Sɔre kɔ kuro no mu, na wɔbɛka wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios