Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 19:21 - Twerɛ Kronkron

21 Na wɔwiee yeinom no, Paulo bɔɔ ne tiri mu sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ɔse: Meduru hɔ a, akyire yi ɛtwa sɛ mekɔhunu Roma nso.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Eyinom nyinaa akyi no, Paulo yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem. Ɔkae se, “Midu Yerusalem a, akyiri no mɛkɔ Roma nso.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na wɔwiee yeinom no, Paulo bɔɔ ne tiri mu sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ɔse: Meduru hɔ a, akyire yi ɛtwa sɛ mekɔhunu Roma nso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Yeinom nyinaa akyi no Paulo yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem. Ɔkaa sɛ, “Meduru Yerusalem a, akyire no mɛkɔ Roma nso.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na wowiee eyinom no, Paulo bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ose: Midu hɔ a, akyiri yi etwa sɛ mikohu Roma nso.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 19:21
31 Referencias Cruzadas  

Na afei, hwɛ, Honhom no hyɛ me nti, merekɔ Yerusalem, na mennim deɛ ɛbɛto me wɔ hɔ,


Na Paulo aka sɛ ɔbɛsiane Efeso ho, na wankɔkyɛre Asia; ɛfiri sɛ na ɔrepɛ ntɛm, na sɛ ɔbɛtumi a, wakɔduru Yerusalem Pentekoste da.


Na anadwo no, Awurade bɛgyinaa ne nkyɛn kaa sɛ: Ma wo bo nyɛ duru; na sɛdeɛ woadi me ho adanseɛ Yerusalem ha yi no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ wokɔdi adanseɛ wɔ Roma.


Nso, anuanom, mempɛ sɛ mede bɛsie mo sɛ mabɔ me tirim mprɛ pii sɛ anka mɛba mo nkyɛn, (nanso wɔasi me kwan abɛduru sɛsɛɛ), na manya mo nso mo mu aba bi, sɛ amanaman a aka no.


Na ɔkraa wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsane maba mo nkyɛn bio. Na ɔfirii Efeso sii nsuo ani.


na ama moayɛ nhwɛsoɔ ama agyidifoɔ a wɔwɔ Makedonia ne Akaia nyinaa.


Ɛnna ɛno akyiri mfeɛ dunan me ne Barnaba kɔɔ Yerusalem bio, na mefaa Tito nso kaa me ho.


Na metwa mu Makedonia a, mɛba mo nkyɛn; ɛfiri sɛ Makedonia na merekɔfa.


saa nti na mefiri m’ahoɔden nyinaa mu masiesie me ho sɛ mɛka asɛmpa no makyerɛ mo a mowɔ Roma nso.


Na yɛduruu Roma no, wɔmaa Paulo kwan sɛ ɔne ɔsraani a ɔhwɛ no no nkɔtena faako a ɔpɛ.


kaa sɛ: Paulo, nsuro! Ɛtwa sɛ wokɔgyina Kaesare anim; na hwɛ, Onyankopɔn de wɔn a wɔne wo nam no nyinaa akyɛ wo.


Na wɔsii agyinaeɛ sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔyii Paulo ne apokyerɛfoɔ bi maa asraafoɔ ha so panin bi a ne din de Yulio, a ɔfiri Augustan asraafoɔ kuo mu.


Na yɛduruu Yerusalem no, anuanom no gyee yɛn fɛ so.


Na yɛkɔhunuu asuafoɔ no no, yɛtenaa hɔ nnanson, na wɔnam Honhom no so ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem.


Na Galio di Akaia amrado no, Yudafoɔ no de ano korɔ sɔre tiaa Paulo, na wɔde no kɔɔ asɛnnie adwa anim


Hwan na ɔka na ɛba mu, berɛ a AWURADE nhyɛeɛ?


Na yɛfirii hɔ kɔɔ Filipi a ɛyɛ Makedonia mansini kuropɔn mu. Na yɛdii kuro yi mu nna kakra.


Na ɔmaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo ne Erasto kɔɔ Makedonia, na ɔno ara deɛ ɔkyɛree wɔ Asia kakra.


Na basabasa hyɛɛ kuro no ma, na wɔde adwenkorɔ bɔɔ kirididi kɔɔ ahwɛeɛ kɔkyeree Makedoniafoɔ Gaio ne Aristarko a wɔne Paulo nam no.


Ɛfiri sɛ m’ani agyina sɛ mɛhu mo, na mede honhom adom akyɛdeɛ bi mabrɛ mo abɛhyɛ mo den,


Nso sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛ na maba mo nkyɛn, na mabɛhunu wɔn a wɔrehoahoa wɔn ho no tumi, na ɛnyɛ wɔn nsɛm a.


ama yɛakɔka asɛmpa no wɔ mmeammea a ɛwɔ mo akyiri nohoa, na yɛamfa obi susuhoma so anhoahoa yɛn ho deɛ wɔawie dada no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios