Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 12:5 - Twerɛ Kronkron

5 Afei wɔde Petro kɔtoo afiase hɔ deɛ, nanso asafo no toaa so bɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ maa no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Bere a na Petro da afiase no nyinaa na asafo no bɔ mpae dennen, srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwɛ ne so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Afei wɔde Petro kɔtoo afiase hɔ deɛ, nanso asafo no toaa so bɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ maa no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛberɛ a na Petro da afiase no nyinaa, na asafo no bɔ mpaeɛ denden, srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwɛ ne so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Afei wɔde Petro kɔtoo afiase hɔ de, nanso asafo no toaa so bɔɔ Onyankopɔn mpae maa no.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 12:5
12 Referencias Cruzadas  

Bio, nokorɛ mese mo sɛ, mo mu baanu yɛ anokorɔ asase so wɔ asɛm biara a mobɛbisa ho a, m’agya a ɔwɔ soro no bɛyɛ ama mo.


Na ɔbuu wɔn bɛ bi de kyerɛɛ sɛ ɛtwa sɛ nnipa bɔ mpaeɛ daa a wɔmmrɛ ho:


Na ɔresusu ho no, ɔbaa Yohane a wɔfrɛ no Marko ne na Maria fie; ɛhɔ na na nnipa bebree aboaboa wɔn ano rebɔ mpaeɛ.


na ɔkyee no no, ɔde no kɔtoo afiase. Na ɔde no hyɛɛ asraafoɔ baanan a wɔwɛn bom saa ahodoɔ nnan nsa sɛ wɔnwɛn no. Na ɔpɛ sɛ Twam afahyɛ no akyiri no, ɔyi no kɔkyerɛ ɔman no.


Anadwo no ara a Herode rebɛyi no akorɔ no, na Petro da asraafoɔ baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu agu no, na awɛmfoɔ a wɔgyinagyina ɛpono ano rewɛn afiase no anibereɛ so.


Na sɛ kwaa baako hunu amane a, akwaa no nyinaa hunu bi; sɛ nso wɔhyɛ kwaa baako animuonyam a, akwaa no nyinaa ne no bom ani gye.


Mo nso monkoto nsrɛ mma yɛn abia, na wɔde adom akyɛdeɛ a wɔnam nnipa pii nkotosrɛ so bɛkyɛ yɛn no, ama nnipa bebree nso ada ase ama yɛn.


Monkae nneduafoɔ, sɛdeɛ mo ne wɔn na ɛda afiase, ne wɔn a wɔhunu amane biara, sɛ mo ara nso moda so wɔ honam mu yi.


Monkeka mo mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na momommɔ mpaeɛ mmema mo ho mo ho, na wɔasa mo yadeɛ. Onipa tenenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ nnoɔma bebree.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios