Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 10:7 - Twerɛ Kronkron

7 Na ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ no no kɔeɛ no, ɔfrɛɛ ne fie nnipa baanu ne ɔsraani nyamesuroni bi a ɔfiri wɔn a wɔsom no daa no mu,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔbɔfo no kasa kyerɛɛ no wiee a ɔkɔe no, Kornelio frɛɛ nʼasomfo baanu, san frɛɛ nʼasraafo no mu baako a ɔyɛ Onyamesuroni kaa wɔn ho,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ no no kɔeɛ no, ɔfrɛɛ ne fie nnipa baanu ne ɔsraani nyamesuroni bi a ɔfiri wɔn a wɔsom no daa no mu,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔbɔfoɔ no kasa kyerɛɛ no wieeɛ a ɔkɔeɛ no, Kornelio frɛɛ nʼasomfoɔ baanu, sane frɛɛ nʼasraafoɔ no mu baako a ɔyɛ Nyamesuroni kaa wɔn ho,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ no no kɔe no, ɔfrɛɛ ne fie nnipa baanu ne ɔsraani nyamesuroni bi a ofi wɔn a wɔsom no daa no mu,

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 10:7
13 Referencias Cruzadas  

Na Abraham somfoɔ no tee wɔn nsɛm no, ɔkotoo fam sɔree AWURADE.


Na wɔfiri hɔ kɔeɛ no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ bi yii ne ho kyerɛɛ Yosef wɔ daeɛ mu sɛ: Sɔre fa abɔfra no ne ne na, na dwane kɔ Misraim, na kɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛka makyerɛ woɔ; na Herode rebɛhwehwɛ abɔfra no aku no.


Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi tene, ɔsoro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekyerɛ no, na Honhom Kronkron wɔ ne so.


Na asraafoɔ nso bisaa no sɛ: Yɛn nso yɛnyɛ dɛn? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnyɛ obiara haihai, nso monntoto obi ano kwa, na momma mo akatua nsɔ mo ani.


Ɔte Simon, nwomahyɛni bi a ne fie wɔ mpoano no nkyɛn.


na ɔkaa ne nyinaa kyerɛɛ wɔn no, ɔsomaa wɔn kɔɔ Yopa.


Na mma wɔn a wɔwɔ awuranom gyidifoɔ mmmu wɔn animtia sɛ wɔyɛ anuanom, na mmom wɔnsom wɔn yie, ɛfiri sɛ wɔn a wɔsom wɔn no yɛ agyidifoɔ ne adɔfoɔ. Yeinom na kyerɛkyerɛ, na tu ho foɔ.


ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom deɛ ɔsene akoa, sɛ onua dɔfo a ɔyɛ ma me titire, na kampɛsɛ wo, honam ne Awurade fam.


Na sɛ wo deɛ, wosuro sɛ wobɛsiane a, wo ne w’akoa Pura nsiane nkɔ nsraban no mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios