Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Amos 1:11 - Twerɛ Kronkron

11 Sɛ AWURADE seɛ nie: Edom amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ ɔde afena tii ne nua, na ne yam anhyehye no, na n’abufuo sɛee adeɛ ara na ɔyɛɛ n’abohuro no so adeɛ daa nti.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nea Awurade se ni: “Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔde afoa taataa ne nua, a wannya ayamhyehye biara. Efisɛ ne bo kɔɔ so fuwii, na obiara antumi annwudwo nʼabufuw no ano.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Sɛ AWURADE seɛ nie: Edom amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ ɔde afena tii ne nua, na ne yam anhyehye no, na n’abufuo sɛee adeɛ ara na ɔyɛɛ n’abohuro no so adeɛ daa nti.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Deɛ Awurade seɛ nie: “Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔde akofena taataa ne nua, a wannya ayamhyehyeɛ biara. Ɛfiri sɛ ne bo kɔɔ so fuiɛ na obiara antumi annwodwo nʼabufuo no ano.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Sɛ AWURADE se ni: Edom amumɔyɛ abiɛsa ne anan nti merennan n’asotwe no, sɛ ɔde afoa tiw ne nua, na ne yam anhyehye no, na n’abufuw sɛe ade ara, na ɔyɛ n’abohuru no so ade daa nti.

Ver Capítulo Copiar




Amos 1:11
28 Referencias Cruzadas  

Na afei, hwɛ, Amonfoɔ, Moab ne Seir bepɔ a woamma Israel kwan amma wɔankɔ wɔn soɔ, berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba no, na mmom wɔdane firii wɔn ho na wɔansɛe wɔn no,


hwɛ, deɛ wɔde retua yɛn ka ne sɛ wɔaba rebɛtu yɛn afiri w’agyapadeɛ a wɔde maa yɛn sɛ yɛnni soɔ no soɔ.


Ɛfiri sɛ na Edomfoɔ no aba abɛkunkum Yudafoɔ bi na wɔafa binom nnommum.


O AWURADE, kae Yerusalem da no ma Edom mma, sɛ wɔsee sɛ: Monnwiri, monnwiri! Monnwiri nkɔsi ne fapem so!


Wo werɛ bɛho atia yɛn akɔsi daa anaa? Wobɛtwe w’abufuo mu akɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu?


Mma wo honhom mmpere abohuro ho, na nkwaseafoɔ kokom na abufuo teɛ.


Na merenham menkɔsi daa, na me bo remfu daa, ɛfiri sɛ honhom no firi me hɔ, na me na mayɛ ahome.


Papa ayɛ Israel nwunu; ma ɔtamfoɔ nti wɔn ɛ!


Misraim bɛdane amamfo, na Edom adane nkyɛkyerɛ afo, ɛsiane Yuda mma so atirimuɔdenbɔ no nti, ɛfiri sɛ wɔahwie mogya a ɛdi bem agu, wɔn asase so.


Hwan na ɔte sɛ wo; Onyankopɔn a wode amumuyɛ kyɛ na wosiane mmarato ho ma w’agyapadeɛ nkaeɛ no? Worensɔ w’abufuo mu daa, na adɔeɛ mmom na wopɛ;


na abohuro kɛseɛ na me bo huru tia amanaman a wɔte hɔ dwoodwoo no, ɛfiri sɛ me deɛ, me bo huruu kakraa bi, na wɔn deɛ, wɔboae maa no danee bɔne.


Madɔ mo, AWURADE na ɔseɛ. Na mobisa sɛ: Wode deɛn na adɔ yɛn? Esau nyɛ Yakob nua? AWURADE asɛm nie; nanso medɔɔ Yakob,


Sɛ Edom ka sɛ: Wɔapɛkyɛ yɛn, nanso yɛbɛsane akɔ akɔsisi agoago no a, sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔn deɛ, wɔbɛsisi, na me nso, mɛdwiri, na wɔafrɛ wɔn sɛ: Abɔnefosɛm hyeɛ, ne: Ɔman a AWURADE afa wɔn abufuo de rekɔsi daa.


Enti monsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo,


Nkyiri Edomni, ɛfiri sɛ ɔyɛ wo nua. Nkyiri Misraimni, ɛfiri sɛ wokɔyɛɛ n’asase so hɔhoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios