Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 21:5 - Twerɛ Kronkron

5 Na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no se: Hwɛ, meyɛ nnoɔma nyinaa foforɔ. Na ɔse: Twerɛ, ɛfiri sɛ nsɛm yi wɔ mu na ɛyɛ nokorɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afei nea ɔte ahengua no so no kae se, “Afei mereyɛ nneɛma nyinaa foforo!” Ɔka kyerɛɛ me nso se, “Kyerɛw eyi, efisɛ saa nsɛm yi yɛ nokware a wɔde wɔn ho to so.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no se: Hwɛ, meyɛ nnoɔma nyinaa foforɔ. Na ɔse: Twerɛ, ɛfiri sɛ nsɛm yi wɔ mu na ɛyɛ nokorɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, deɛ ɔte ahennwa no so no kaa sɛ, “Afei, mereyɛ nneɛma nyinaa foforɔ!” Ɔka kyerɛɛ me nso sɛ, “Twerɛ yei, ɛfiri sɛ, saa nsɛm yi yɛ nokorɛ a wɔde wɔn ho to so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ nneɛma nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 21:5
14 Referencias Cruzadas  

Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ; nnoɔma dada no atwa mu; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ.


Akane deɛ no, hwɛ, aba mu, na nnoɔma foforɔ na merekyerɛ, ɛnnya mfifiriiɛ yi merema moate.


Hwɛ, mereyɛ ade foforɔ bi, afei na ɛrefifire, monhunu? Mɛbɔ ɛserɛ so kwan, mɛma nsubɔntene aba anwea pradada so.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Twerɛ: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn adwammaa no ayeforɔ aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokorɛ nie.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɛm yi wɔ mu, na ɛyɛ nokorɛ, na Awurade, adiyifoɔ ahonhom Nyankopɔn no, asoma ne bɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa adeɛ a ɛtwa sɛ ɛba ntɛm.


Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Na ntɛm ara na mewɔ Honhom mu. Na hwɛ, wɔde ahennwa asi soro, na obi te ahennwa no so.


Na sɛ ateasefoɔ no de animuonyam ne anidie ne aseda ma deɛ ɔte ahennwa no soɔ, a ɔte ase daa daa no a,


Twerɛ deɛ wohunu, ne deɛ ɛwɔ hɔ, ne deɛ yei akyiri no ɛrebɛba:


sɛ: Twerɛ deɛ wohunu hyɛ nwoma mu, na fa kɔma asafo ahodoɔ nson no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Na mehunuu nwoma bi wɔ deɛ ɔte ahennwa no soɔ no nifa mu a wɔatwerɛ emu ne akyire, na wɔde nsɔano nson asosɔ ano.


Na asɛm “prɛko bio” no kyerɛ nnoɔma a wɔwosoɔ no nsakyeraeɛ, sɛ ɛyɛ adeɛ a wɔayɛ, na nnoɔma a ɛnwosoɔ no atena hɔ.


Na sɛ obi yi adiyie nwoma yi mu nsɛm bi a, Onyankopɔn bɛyi ne kyɛfa afiri nkwa dua ne kuro kronkron a wɔatwerɛ ho nsɛm nwoma yi mu no mu.


Na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios