Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 20:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔfiri soro resiane a ɔkura ebunu no ano safoa ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛseɛ bi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei mihuu ɔbɔfo bi sɛ ofi ɔsoro reba fam a na okura bun no safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔfiri soro resiane a ɔkura ebunu no ano safoa ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛseɛ bi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ bi sɛ ɔfiri ɔsoro reba fam a na ɔkura ebunu no safoa ne nkɔnsɔnkɔnsɔn duruduru bi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na mihuu ɔbɔfo bi a ofi soro resian a okura ebun no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 20:1
8 Referencias Cruzadas  

Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔnnkɔ bunu no mu.


Na sɛ Onyankopɔn ankora abɔfoɔ a wɔyɛɛ bɔne no, na mmom ɔde esum kabii ahoma kyeree wɔn guu Asamando amanehunu bunu mu, sɛ wɔmfa wɔn nsie atemmuo a,


Na abɔfoɔ a wɔankora wɔn paninnie, na mmom wɔgyaa wɔn ara wɔn tenaberɛ no, ɔde daa ahoma akyekyere wɔn, akora wɔn esum kabii mu, ama da kɛseɛ no atemmuo.


ne deɛ ɔte aseɛ no. Na mewui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mekura Owuo ne asamando nsafoa.


Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ hoɔdenfoɔ bi sɛ ɔfiri soro reba fam, na ɔfira mununkum, na nyankontɔn wɔ ne tiri so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.


Na yeinom akyiri no, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔfiri soro resiane ba, na ɔwɔ tumi kɛseɛ, na n’animuonyam nti asase hrann.


na ɔtoo no twenee ebunu no mu, na ɔtoo mu, na ɔsɔɔ ano na wankɔdaadaa amanaman bio kɔsi sɛ mfirinhyia apem no bɛwie duro ansa; nanso ɛno akyiri no, ɛtwa sɛ wɔgyaa no kakra.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios