Adiyisɛm 2:5 - Twerɛ Kronkron5 Enti kae deɛ wofiri hwee aseɛ, na sakyera w’adwene, na yɛ kane nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabɛyi wo kaneadua mafiri ne siberɛ, gye sɛ wosakyera w’adwene. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm5 Hu ba a woaba fam no. Sakra wʼadwene na yɛ sɛnea kan no na woyɛ no. Sɛ woansakra wʼadwene a, mɛba wo nkyɛn na mabeyi wo kaneadua no afi ne sibea. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible5 Enti kae deɛ wofiri hwee aseɛ, na sakyera w’adwene, na yɛ kane nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabɛyi wo kaneadua mafiri ne siberɛ, gye sɛ wosakyera w’adwene. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm5 Hunu ba a woaba fam no. Te wo ho firi bɔne ho na yɛ sɛdeɛ kane no na woyɛ no. Sɛ woantwe wo ho amfiri wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛn na mabɛyi wo kaneadua no afiri ne siberɛ. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON5 Enti kae nea wufi hwee ase, na sakra w’adwene, na yɛ kan nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabeyi wo kaneadua mafi ne sibea, gye sɛ wosakra w’adwene. Ver Capítulo |