Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 13:5 - Twerɛ Kronkron

5 Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛseɛ ne abususɛm, na wɔmaa no kwan abosome aduanan mmienu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔmaa aboa no kwan ma ɔkaa abususɛm akɛseakɛse tiaa Onyankopɔn, na wɔmaa no tumi sɛ ɔnyɛ nea ɔpɛ biara asram aduanan abien.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛseɛ ne abususɛm, na wɔmaa no kwan abosome aduanan mmienu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔmaa aboa no kwan maa ɔkaa abususɛm akɛseakɛseɛ tiaa Onyankopɔn, na wɔmaa no tumi sɛ ɔnyɛ deɛ ɔpɛ biara abosome aduanan mmienu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛse ne abususɛm, na wɔmaa no kwan asram aduanan abien.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 13:5
17 Referencias Cruzadas  

Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa ne tɛkyerɛma a ɛka nsɛnkɛseɛ,


Mode mo ano adi me so akokurokosɛm, na moama me ho nsɛm a moka no adɔɔso; me ara mate.


Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, ɛfiri sɛ ɛremma, gye sɛ ɔwaeɛ a wɔbɛwaeɛ no aba ansa, na wɔayi onipa a ɔnni mmara so no adi, ɔsɛeɛ ba no.


Deɛ ɔsɔre na ɔma ne ho so tia deɛ wɔfrɛ no Onyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Nyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔno ne Onyankopɔn.


Na ɛno ansa na wɔbɛyi deɛ ɔnni mmara biara no adie, deɛ Awurade de n’anomu home bɛkum no na ɔde ne ba no pue bɛyi no hɔ koraa no.


Na sɛ wɔwie wɔn adansedie a, aboa a ɔfiri ebunu no mu no bɛtu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wɔaku wɔn.


Na wɔmaa ɔbaa no ɔkɔdeɛ kɛseɛ no ntaban mmienu sɛ ɔmfa ntu nkɔ ɛserɛ so wɔ ne tenaberɛ, deɛ wɔbɛhwɛ no ɛberɛ ne mmerɛ ne berɛ fa afiri ɔwɔ no anim.


Na ɔbaa no dwane kɔɔ ɛserɛ so, deɛ Onyankopɔn asiesie baabi ama no sɛ wɔnhwɛ no hɔ nna apem ahanu aduosia.


Na wɔmaa no kwan sɛ ɔntu ahotefoɔ so sa, na ɔnni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ ne aman nyinaa so tumi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios