Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 11:9 - Twerɛ Kronkron

9 Na nkurɔfoɔ ne mmusuakuo ne kasa ahodoɔ ne aman mu binom bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma wɔmfa wɔn afunu no ntoto ɛda mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na nnipa a wofi aman so ne mmusuakuw ne ɔkasa ahorow ne aman bi so bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma kwan mma wonsie wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na nkurɔfoɔ ne mmusuakuo ne kasa ahodoɔ ne aman mu binom bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma wɔmfa wɔn afunu no ntoto ɛda mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na nnipa a wɔfiri aman so ne mmusuakuo ne kasa ahodoɔ ne aman bi so bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma ɛkwan mma wɔnsie wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na nkurɔfo ne mmusuakuw ne ɔkasa horow ne aman mu binom bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma wɔmfa wɔn afunu no ntoto ɔda mu.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 11:9
14 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuo a wohunuiɛ a odwamamfoɔ no te soɔ no yɛ nkuro ne nkurɔfoɔ akuakuo ne aman ne kasa ahodoɔ.


Na nnansa ne fa akyiri no, nkwa honhom firii Nyankopɔn mu bɛhyɛnee wɔn mu, na wɔgyinagyinaa wɔn nan so, na ehu kɛseɛ kaa wɔn a wɔhunuu wɔn no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛsɛ sɛ woka nkurɔfoɔ ne aman ne ɔkasa ne ahemfo bebree ho adiyisɛm bio.


Na wɔmaa no kwan sɛ ɔntu ahotefoɔ so sa, na ɔnni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ ne aman nyinaa so tumi.


Sɛ obi wo mma ɔha na ɔdi mfeɛ pii, na ne mfeɛ mu nna dɔɔso bebree, na papa ammee ne kra na wɔansie no yie a, mese, mpo ɔpɔn ba yɛ sene no.


Na ɔgyee nwoma no no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwee ase adwammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura nsankuo ne sika mfamfa a ohwam a ɛyɛ ahotefoɔ mpaebɔ no ayɛ no mama.


Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo.


Na ɔman yi afunu bɛyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa, a wɔrennya obi rempam wɔn.


Due, ɔsɛefoɔ a wo deɛ, wɔnsɛee woɔ, ɔfatwafoɔ a wɔmfaa wo ntwaeɛ! Sɛ wogyae ɔsɛeɛ no a, wɔbɛsɛe wo, na sɛ wonya wie ɔfatwa a, wɔde wo bɛtwa.


na woasane abɛdidi na woanom nsuo faako a wɔka kyerɛɛ wo sɛ: Nnidi na nnom nsuo, no nti, wo funu renkɔ w’agyanom da mu.


Na wɔtoo dwom foforɔ sɛ: Wofata sɛ wogye nwoma no na wobue ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔaku wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afiri mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfoɔ ne aman nyinaa mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios