Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Adiyisɛm 10:9 - Twerɛ Kronkron

9 Na mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn mekɔka mekyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Gye mene, na ɛbɛyɛ nwononwono wo yam, na w’anomu deɛ, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se ɔmfa nhoma ketewa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me se, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso wʼanom de, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn mekɔka mekyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Gye mene, na ɛbɛyɛ nwononwono wo yam, na w’anomu deɛ, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso wʼanomu deɛ, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn mekɔka mekyerɛɛ no sɛ ɔmfa nhoma ketewa no mma me. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Gye mene, na ɛbɛyɛ nwenenwene wo yam, na w’anom de, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwo.

Ver Capítulo Copiar




Adiyisɛm 10:9
7 Referencias Cruzadas  

N’anomu mmara, mamfiri ho, makora n’anomu nsɛm sene deɛ ɛhia me.


Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduane, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛ ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, O AWURADE, asafo Nyankopɔn.


Na wo, onipa ba, tie deɛ mereka akyerɛ woɔ yi, nyɛ atuateni sɛ atuatefoɔ fie yi; bae w’anomu, na di deɛ mede merema woɔ yi.


Na honhom no maa me so faa me kɔe, na mekɔɔ no nwononwono mu, me honhom anibereɛ no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den.


Yeinom na ɛde Nyankopɔn abufuo ba, [wɔ asoɔdenfoɔ mma so]


Na megyee nwoma ketewa no firii ɔbɔfoɔ no nsa mu memeneeɛ, na ɛyɛɛ fremfrem wɔ m’anomu sɛ ɛwoɔ, na mewiee die no, ɛyɛɛ nwononwono wɔ me yam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios