Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 4:5 - Twerɛ Kronkron

5 Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ, sɛdeɛ AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no sɛ monyɛ saa, wɔ asase a morekɔ soɔ akɔfa no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ mudu asase a mobɛtena so no so a, eyinom ne mmara ne ahyɛde a makyerɛkyerɛ mo a ɛsɛ sɛ mudi so. Efi Awurade, yɛn Nyankopɔn, nkyɛn. Ɔde ama me se memfa mma mo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ, sɛdeɛ AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no sɛ monyɛ saa, wɔ asase a morekɔ soɔ akɔfa no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛ moduru asase a mobɛtena so no so a, yeinom ne mmara a ɛsɛ sɛ modi so. Ɛfiri Awurade, yɛn Onyankopɔn, nkyɛn. Ɔde ama me sɛ memfa mma mo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛde ne atemmude, sɛnea AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no, sɛ monyɛ sa, asase a morekɔ so akɔfa no so.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 4:5
24 Referencias Cruzadas  

na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Na Mose deɛ, ɔdii Nyankopɔn fie nyinaa mu nokorɛ sɛ ɔsomfoɔ, sɛ ɔbɛdi nsɛm a wɔrebɛka da bi no ho adanseɛ.


Na afei, Israel, tie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mekyerɛ mo sɛ monyɛ no, na moanya nkwa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo nananom Nyankopɔn de rema mo no.


ɛfiri sɛ mansi biribiara so, sɛ ebia merenka Nyankopɔn tiri mu agyina nyinaa menkyerɛ mo.


Na nsɛm a adi kan a me nso menyaeɛ a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: Yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no.


Na ma onipa nsɔ ne ho nhwɛ na wadi paanoo no bi, na wanom kuruwa no ano bi.


na kyerɛkyerɛ wɔn ahyɛdeɛ ne mmara ahodoɔ no mu, na ma wɔnhunu kwan ko a wɔmfa soɔ ne deɛ wɔnyɛ.


a AWURADE hyɛɛ Mose, Sinai bepɔ soɔ, ɛda a ɔhyɛɛ Israelfoɔ sɛ wɔmfa wɔn ayɛyɛdeɛ mmrɛ AWURADE, Sinai serɛ soɔ no.


Yeinom ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ ne mmara a AWURADE de nam Mose so too ɔno ne Israelfoɔ ntam, Sinai bepɔ soɔ no.


Yeinom ne mmara nsɛm a AWURADE de hyɛɛ Mose, Sinai bepɔ soɔ, maa no de kɔmaa Israel mma no.


Mommfa hwee nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, nanso monnyi mu biribi, na moadi AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so.


na mo a mobataa AWURADE mo Nyankopɔn ho no, mo nyinaa te ase nnɛ.


Onyankopɔn, wo na wofiri me mmɔfraase kyerɛkyerɛɛ me, na maka w’anwanwadeɛ no mabɛduru sɛsɛɛ.


Monni m’ahyɛdeɛ so. Mma w’afieboa nnni afrafra mmforo wɔn ho; w’afuo nso, mfa adeɛ mfrafra nnua mu, na mma ntoma ahodoɔ mmienu nsasaawa nnka wo ho.


Na di n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi so, na awie wo ne wo mma a wɔdi w’akyire yie, na woakye wɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so daa nyinaa.


Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel, montie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mereka magu mo aso mu nnɛ yi, na monsua, na monni so nyɛ.


Na yei ne mmara nsɛm, ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mo na monyɛ asase a moretwam akɔfa no soɔ,


Enti di mmara nsɛm ne atemmudeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi so, na yɛ.


Hwɛ yie na wo werɛ amfiri AWURADE wo Nyankopɔn sɛ worenni ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi soɔ;


Enti monhwɛ yie na monyɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Pae mu ka nsɛm yi nyinaa mu ka wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmorɔno so sɛ: Montie apam yi mu nsɛm, na monni so.


Na mede m’ahyɛdeɛ maa wɔn, na memaa wɔhunuu m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔnya mu nkwa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios