Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 4:3 - Twerɛ Kronkron

3 Mo ani ahunu deɛ Baal-peor nti AWURADE yɛeɛ sɛ nnipa a wɔdii Baal-peor akyire nyinaa AWURADE mo Nyankopɔn sɛee wɔn firii mo mu;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mode mo ani huu nea Awurade yɛɛ mo wɔ Baal-Peor no. Ɔsɛee onipa biara a na ɔsom Baal-Peor no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Mo ani ahunu deɛ Baal-peor nti AWURADE yɛeɛ sɛ nnipa a wɔdii Baal-peor akyire nyinaa AWURADE mo Nyankopɔn sɛee wɔn firii mo mu;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mode mo ani hunuu deɛ Awurade yɛɛ mo wɔ Baal-peor no. Ɔsɛee nnipa pii a na wɔsom abosom no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Mo aniwa ahu nea Baal-peor nti AWURADE yɛe, sɛ nnipa a wodii Baal-peor akyi nyinaa AWURADE mo Nyankopɔn sɛee wɔn fii mo mu;

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 4:3
9 Referencias Cruzadas  

Na meka kyerɛɛ wɔn mma, ɛserɛ no so sɛ: Monnnante mo agyanom ahyɛdeɛ no mu, na monnni wɔn atemmudeɛ no so, na mommfa wɔn abosonhuhuo nngu mo ho fi.


Mehunuu Israel sɛ ɛserɛ so bobe aba, mehunuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bereɛ a ɛdi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wɔdwiraa wɔn ho de maa aniwudeɛ, na wɔn ho yɛɛ nwunu sɛ nnoɔma a na wɔpɛ no ara.


Nso na ɔbarima biara mfra yeinom mu a ɔfiri nnipa a Mose ne Ɔsɔfoɔ Aaron kan wɔn berɛ a wɔkan Israelfoɔ wɔ Sinai serɛ soɔ no,


Hwɛ, wɔn na wɔfaa Bileam asɛm so maa Israelfoɔ wae firii AWURADE ho, Peor asɛm no mu, na ɛmaa ɔhaw baa AWURADE asafo no mu.


na mo ani ahunu AWURADE nneyɛeɛ akɛseɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa.


na mo a mobataa AWURADE mo Nyankopɔn ho no, mo nyinaa te ase nnɛ.


Peor mfomsoɔ a yɛnnya nnwiraa yɛn ho mfirii mu de bɛsi nnɛ yi na ɔhaw baa AWURADE asafo soɔ no nnɔɔso mma yɛn?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios