Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 3:5 - Twerɛ Kronkron

5 Yeinom nyinaa yɛ nkuro a ɛho wɔ afasuo atenten, aponkɛseɛ, ne adaban; ɛsono nkuraa a ɛdɔɔso bebree no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na wɔato afasu atenten afa saa nkuropɔn yi nyinaa ho de nnade apon atoto ano. Saa bere koro no ara mu, yɛfaa nkuraa a na wɔntoo afasu mfaa ho no bebree.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Yeinom nyinaa yɛ nkuro a ɛho wɔ afasuo atenten, aponkɛseɛ, ne adaban; ɛsono nkuraa a ɛdɔɔso bebree no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Saa nkuropɔn yi nyinaa, na wɔato afasuo atentene afa ho de nnadeɛ apono atoto ano. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, yɛfaa nkuraa a na wɔntoo afasuo mfaa ho bebree.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Nkurow yi nyinaa, ɛho wɔ afasu atenten ne aponkɛse ne adaban ma ɛyɛ den, ɛsono asase pataa so nkurow a ɛdɔɔso bebree.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 3:5
8 Referencias Cruzadas  

Gyidie nti na Yeriko afasuo a wɔtwaa ho hyiaa nnanson no dwiriiɛ.


Ɛhe na yɛmfa nkorɔ? Yɛn nuanom atu yɛn akoma sɛ: Nnipa no soso na wɔwoware sene yɛn, nkuro no yɛ akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo kɔ soro, na bio nso yɛhunuu Anakfoɔ mma no wɔ hɔ.


Nanso aman a wɔtete asase no soɔ no yɛ den, na nkuro no, wɔabɔ ho ban, ɛsoso sɛ, na yɛhunuu Anak mma nso wɔ hɔ.


Na yɛfaa ne nkuro nyinaa, berɛ no mu; kuro biara nni hɔ a yɛannye wɔn nsam; nkuro aduosia, Argob asase nyinaa, Og ahennie a ɛwɔ Basan.


Na yɛsɛee wɔn pasapasa sɛdeɛ yɛyɛɛ Hesbon hene Sihon no, yɛsɛee nkuro no ne emu mmarima, mmaa ne mmɔfra nyinaa pasapasa.


ne sika nkura no, sɛdeɛ Filistifoɔ nkuro a ɛyɛ asafohene baanum no deɛ ano sie no, ɛfiri nkuro a wɔatoto ho afasuo soɔ de kɔsi petee mu nkuraa so. Na adanseɛ ne ɔbo kɛseɛ a wɔde AWURADE adaka no sii soɔ no, na ɛwɔ Bet-semesni Yosua afuo mu bɛduru nnɛ da yi.


Na wɔgyegyee nkuro a ɛyɛ den ne asase a adɔ sradeɛ, na wɔnyaa afie a nnepa ayeyɛ no amaama, nsubura a wɔbɔreeɛ, bobe nturo ne ngo nturo ne nnua a wɔdie bebree. Na wɔdii, na wɔmee, na wɔyeyɛɛ akɛseɛ, na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, wo papa kɛseɛ no mu.


Enti Yudafoɔ a wɔwɔ nkuraaseɛ no, wɔn a wɔtete nkuro a ɛho nni afasuo mu no de bosome Adar da a ɛtɔ so dunan no yɛ anigyeɛ ne apontoɔ da ne dapa a wɔde nnoɔma mema wɔn ho wɔn ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios