Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 26:3 - Twerɛ Kronkron

3 na kɔ ɔsɔfoɔ a ɔwɔ so saa berɛ no nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Mepae mu nnɛ mekyerɛ AWURADE wo Nyankopɔn sɛ maduru asase a ɔkaa yɛn nananom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 na monkɔ ɔsɔfo a ɔwɔ hɔ saa bere no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, “Meda no adi nnɛ akyerɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, sɛ Awurade de me aba asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn agyanom no so.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 na kɔ ɔsɔfoɔ a ɔwɔ so saa berɛ no nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Mepae mu nnɛ mekyerɛ AWURADE wo Nyankopɔn sɛ maduru asase a ɔkaa yɛn nananom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Monkɔ ɔsɔfoɔ a ɔwɔ hɔ saa ɛberɛ no nkyɛn na monka nkyerɛ no sɛ, “Menam saa akyɛdeɛ yi so reda no adi sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, de me aba asase a ɔhyɛɛ mʼagyanom bɔ no so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na kɔ ɔsɔfo a ɔwɔ so saa bere no nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Mepae mu nnɛ mekyerɛ AWURADE wo Nyankopɔn sɛ madu asase a AWURADE kaa yɛn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 26:3
13 Referencias Cruzadas  

Na mede asase a woyɛ so hɔhoɔ yi, Kanaan asase nyinaa, bɛma wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire, sɛ daa agyapadeɛ, na mayɛ wɔn Nyankopɔn.


Tena asase yi so sɛ ɔhɔhoɔ, na mɛdi w’akyi na mahyira wo, ɛfiri sɛ wo ne w’asefoɔ na mede nsase yi nyinaa bɛma mo, na mɛma ntam a mekaa w’agya Abraham no agyina.


Hwɛ, mede asase no mato mo anim; monkɔ nkɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo nananom, Abraham, Isak ne Yakob, sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ a wɔdi wɔn akyire no.


ɛnneɛ nnipa baanu a ɛham da wɔn ntam no mmɛgyina AWURADE anim, asɔfoɔ ne atemmufoɔ a wɔwɔ hɔ nna no mu anim.


fa so aduadeɛ a wobɛnya no w’asase a ɔde rema woɔ no soɔ no nyinaa so aduanekan no bi gu kɛntɛn mu, na fa kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ sɛ ne din ntena no,


Na ɔsɔfoɔ no nnye kɛntɛn no mfiri wo nsam mfa nsi AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia no anim.


ne sɛ yɛwɔ Nyankopɔn fie so sɔfoɔ kɛseɛ nti,


Enti momma yɛmfa ne so mmɔ Nyankopɔn ayeyie afɔdeɛ daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no.


Na ɔsɔfo panin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panin yi a ne ho teɛ, ɔnni bɔne, ne ho nni nkekaeɛ, wɔayi no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho, na wɔama no so akyɛne soro.


mo nso momma wɔmfa mo sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuo kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Nyankopɔn ani.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios