Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 2:5 - Twerɛ Kronkron

5 mo ne wɔn nnni aperepereɛ, na meremfa wɔn asase nammɔn baako mpo memma mo, ɛfiri sɛ mede Seir bepɔ mama Esau sɛ n’atenaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Monnhyɛ wɔn abufuw a ɛde ɔko bɛba na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo; mpo, baabi a mode mo anan besisi, efisɛ mede Seir bepɔw kurow ama Esau sɛ nʼatenae.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 mo ne wɔn nnni aperepereɛ, na meremfa wɔn asase nammɔn baako mpo memma mo, ɛfiri sɛ mede Seir bepɔ mama Esau sɛ n’atenaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Monnhyɛ wɔn abufuo a ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo; mpo, baabi a mode mo nan bɛtia, ɛfiri sɛ, mede Seir bepɔ kuro ama Esau sɛ nʼatenaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 mo ne wɔn nnni aperepere, na meremfa wɔn asase nammɔn biako po memma mo, efisɛ mede Seir bepɔw mama Esau sɛ n’atenae.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 2:5
13 Referencias Cruzadas  

Na Isak nso, memaa no Yakob ne Esau; na mede Seir bepɔ memaa Esau sɛ ɔnni so; na Yakob ne ne mma siane kɔɔ Misraim.


Esau, a ɔno ara ne Edom no kɔtenaa Seir bepɔ so.


na ɔmaa nnipa wɔ aman nyinaa firi onipa baako mu tenaa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmerɛ ahodoɔ ne wɔn tenabea hyeɛ ato hɔ ama wɔn


Na wamma no agyapadeɛ wɔ mu, wamma no anammɔn baako mpo; na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔde bɛma ɔno ne n’asefoɔ a wɔdi n’akyire sɛ wɔmfa nyɛ wɔn deɛ, nanso na ɔnnya nnyaa ɔba.


Me na mede me tumi kɛseɛ ne me basa a atene meyɛɛ asase, nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase ani, na mede mema obiara sɛdeɛ ɛtene wɔ m’ani soɔ.


Ɔsorosoroni no kyekyɛɛ asase maa amanaman, ɔpaepaee Adam mma mu no, ɔde aman no ahyeɛ totoo hɔ sɛ Israelfoɔ ano sie.


Momfa sika ntɔ wɔn nkyɛn aduane nni, na nsuo nso momfa sika ntɔ no wɔn nkyɛn nnom;


sɛdeɛ ɔyɛ maa Esau mma a wɔte Seir a ɔsɛee Horifoɔ wɔn anim maa wɔtuu wɔn tenaa wɔn ananmu bɛduruu nnɛ yi no.


Na yeinom ne Edomfoɔ agya Esau a ɔte Seir bepɔ soɔ no awoɔ ntoatoasoɔ:


Onipa ba, dane w’ani kyerɛ Seir bepɔ na hyɛ nkɔm tia no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios