Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




5 Mose 10:2 - Twerɛ Kronkron

2 na mɛtwerɛ nsɛm a ɛwɔ kane apono a wobobɔeɛ no soɔ no mahyɛ apono no so, na fa sie adaka no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mɛkyerɛw nsɛm a mekyerɛw guu abo apon abien a edi kan a wububuu mu no bi pɛpɛɛpɛ agu so. Na fa hyɛ adaka no mu.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 na mɛtwerɛ nsɛm a ɛwɔ kane apono a wobobɔeɛ no soɔ no mahyɛ apono no so, na fa sie adaka no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mɛtwerɛ nsɛm a metwerɛ guu aboɔ ɛpono mmienu a ɛdi ɛkan a wobubuu mu no bi pɛpɛɛpɛ agu so. Na wode ahyɛ adaka no mu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 na mɛkyerɛw nsɛm a ɛwɔ kan apon a wobobɔe no so no mahyɛ apon no so, na fa sie adaka no mu.

Ver Capítulo Copiar




5 Mose 10:2
9 Referencias Cruzadas  

Biribiara nni adaka no mu, gye aboɔ apono mmienu a Mose de guu mu Horeb, berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba a AWURADE ne Israelfoɔ pameeɛ no.


Ɛwɔ sika aduhwamhyeɛ bukyia ne apam adaka a wɔde sika adura ho nyinaa, a sika pɔre a mana wɔ mu, ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ ne apam aboɔpono no wɔ mu.


Na medanee me ho siane firii bepɔ no so, mede apono no mebɛsiee adaka a meyɛeɛ no mu, na ɛwɔ hɔ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ me no.


Na ɔkaa n’apam a ɔhyɛɛ mo sɛ monyɛ no kyerɛɛ mo, mmara nsɛm du no, na ɔtwerɛɛ wɔ aboɔpono mmienu so.


Na ɔfaa Adanseɛ no de hyɛɛ adaka no mu, na ɔde mpoma wurawuraa adaka no ho, na ɔde mpata adwa no sii adaka no so;


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sene aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no, na mentwerɛ kane apono a wobobɔeɛ no so nsɛm no wɔ so.


Biribiara nni adaka no mu gye aboɔpono mmienu a Mose de guu mu Horeb, faako a AWURADE ne Israelfoɔ pameeɛ berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba no.


Na ɛbaa sɛ Mose bɛn nsraban no na ɔhunuu nantwie ba ne asa no ara pɛ, ne bo fui, na ɔtoo apono a ɛwɔ ne nsam no gui maa no bobɔe wɔ bepɔ no ase.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios