Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 8:2 - Twerɛ Kronkron

2 Ka kyerɛ Aaron sɛ: Wode nkanea no sisi kaneadua so a, nkanea nson no nnɛre wɔ so nkyerɛ anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Ka kyerɛ Aaron se, ‘Sɛ wosɔ akanea ason a ɛwɔ kaneadua no so no a, sɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a, ɛbɛtow ne hann no akɔ kaneadua no nʼanim.’ ”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Ka kyerɛ Aaron sɛ: Wode nkanea no sisi kaneadua so a, nkanea nson no nnɛre wɔ so nkyerɛ anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Ka kyerɛ Aaron sɛ, sɛ ɔsɔ nkanea nson a ɛwɔ kaneadua no so no a, ɔnsɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛto ne hann no akɔ nʼanim.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Ka kyerɛ Aaron sɛ Wode akanea no sisi akaneadua no so a, akanea ason no nnɛw wɔ so nkyerɛ anim.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 8:2
19 Referencias Cruzadas  

Na yɛ ɛso nkanea nson, na wɔmfa ne nkanea no nsisi so, na ɛnnɛre wɔ anim nkyerɛ fa hɔ.


Na anyinam ne ɛnne ahodoɔ ne aprannaa firi ahennwa no mu firii adi, na ogya nkanea nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson no redɛre ahennwa no anim.


Nsoromma nson a wohunu no me nifa soɔ no ahuntasɛm no, ne sika akaneadua nson no: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, na akaneadua nson a wohunuiɛ no yɛ asafo nson no.


Na medanee m’ani sɛ merekɔhwɛ nne a ɛkasa kyerɛɛ me no. Na medanee me ho no, mehunuu sika nkaneadua nson,


Nanso yɛwɔ adiyifoɔ asɛm a ɛgyina hɔ pintinn kyɛne saa, ɛno na sɛ mohwɛ no yie sɛ kanea a ɛhran baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kɔsi sɛ adeɛ bɛkye na adekyeeɛ nsoromma no apue mo akoma mu a, moyɛ no yie.


Nokorɛ hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no na ɛreba wiase yi.


Mone wiase hann. Kuro a ɛda bepɔ soɔ ntumi nhunta.


Wo nsɛm mu bue ma hann, ɛma nkwaseafoɔ hunu nyansa.


W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.


Sika amapa kaneadua a ɛho teɛ no so na ɔnsiesie nkanea no, AWURADE anim daa.


na ɔde nkanea no sisii so AWURADE anim, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na ɔde sika amapa yɛɛ ɛso nkanea nson no ne ɛho adaban ne ɛho nso nkukuwa.


Wɔnni mmara ne adanseɛ no akyi! Sɛ wɔanka no sɛdeɛ asɛm yi teɛ a, ɛnneɛ adeɛ renkye wɔn.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Na Aaron yɛɛ saa: Ɔde nkanea no sisii kaneadua no so kyerɛɛ anim, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


kaneadua kronkron no, ne ne nkanea a wɔasiesie sisi soɔ ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kanea no ngo;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios