Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 4:16 - Twerɛ Kronkron

16 Na Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ahwɛdeɛ ne kanea ngo ne nnuhwam ne daa aduane afɔdeɛ ne sra ngo no, tenabea no nyinaa ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa so hwɛ, kronkronbea hɔ ne ɛho nnoɔma fam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Aaron babarima Eleasar a ɔyɛ ɔsɔfo no na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛsɔ kanea, nnuhuam, daa aduan a wɔde bɔ afɔre, ɔsra ngo ne Ahyiae Ntamadan no nyinaa so. Biribiara a ɛwɔ Ahyiae Ntamadan no mu no nso, ɔbɛhwɛ so.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Na Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ahwɛdeɛ ne kanea ngo ne nnuhwam ne daa aduane afɔdeɛ ne sra ngo no, tenabea no nyinaa ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa so hwɛ, kronkronbea hɔ ne ɛho nnoɔma fam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Aaron babarima Eleasa na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛsɔ kanea, nnuhwam, daa aduane a wɔde bɔ afɔdeɛ, ɔsra ngo ne Ahyiaeɛ Ntomadan no nyinaa so. Biribibiara a ɛwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nso, ɔbɛhwɛ so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ahwɛde ne kanea ngo ne nnuhuam ne daa aduan afɔre ne ɔsra ngo no, tenabea no nyinaa ne nea ɛwɔ mu nyinaa ne kronkronbea hɔ ne ɛho nneɛma sohwɛ.

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 4:16
20 Referencias Cruzadas  

kanea ho ngo, ɔsra ngo ne nnuhwam a wɔhyeɛ ho aduro,


Hyɛ Israelfoɔ ma wɔmmrɛ wo ngodua aba a wɔasie ngo korɔgyenn na wɔmfa nsɔ kanea no, na kanea no nsi so daa;


Na anka mote sɛ nnwan a wɔayera, na afei moasane aba mo kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ no nkyɛn.


Monyɛne Nyankopɔn nnwankuo a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ mu, sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adufudepɛ nti, na mmom akoma a ɛpɛ nti;


Na Kristo deɛ, ɔdi ne fie so sɛ ɔba; nso ne fie no ne yɛn, nanso gye sɛ yɛsɔ anidasoɔ no ho nnam ne ahohoahoa mu pintinn kɔsi awieeɛ.


Ɛno nti, anuanom akronkronfoɔ a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yɛgyina so ka no ho Ɔsomafoɔ ne Ɔsɔfo Panin Yesu


Na Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn ne nnipa ntamgyinafoɔ koro, ɔno ne onipa Kristo Yesu,


Momma obiara mmu yɛn sɛ Kristo asomfoɔ ne Nyankopɔn ahuntasɛm so ahwɛfoɔ.


Enti monhwɛ mo ho ne nnwankuo nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfoɔ, sɛ mobɛyɛne Nyankopɔn asafo a ɔde ɔno ara mogya anya wɔn no yie.


Awurade honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafoɔ; wasoma me sɛ memmɛka ɔgyeɛ menkyerɛ nnommum ne adehunu menkyerɛ anifirafoɔ, na memmrɛ wɔn a wɔapɛkyɛ wɔn no ahofadie,


Na Lewi mmapɔmma mu panin ne Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa, ɔne wɔn a wɔkura kronkronbea mu no so no mu panin.


Yei ne Aaron ne ne mma ayɛyɛdeɛ a wɔmfa mmrɛ AWURADE, ɛda a wɔsra no ngo no; esiam olonka abupɛn du mu baako nyɛ daa ayɛyɛdeɛ, anɔpa deɛ fa na anwummerɛ deɛ fa.


Na ɔyɛɛ sra ngo kronkron ne ɛhyeɛ aduhwam korɔgyenn no, sɛdeɛ odufrafoɔ fra no.


ne sra ngo no ne kronkronbea aduhwam a wɔhyeɛ no. Wɔnyɛ no sɛdeɛ mahyɛ woɔ nyinaa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios